1
1 Korintofo 11:25-26
KYERƐW KRONKRON
RATB
Saa ara nso na adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa no kae sɛ: Kuruwa yi ne Apam foforo m’ankasa me mogya mu; da biara a mobɛnom no, monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae! Na da biara a mubedi abodoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, mopae Awurade wu no mu ka kosi sɛ ɔbɛba.
Compare
Explore 1 Korintofo 11:25-26
2
1 Korintofo 11:23-24
Na me de, nea minya mifii Awurade hɔ no ara ne mede memaa mo sɛ: Awurade Yesu, anadwo a woyii no mae no, ɔfaa abodoo, na ɔdaa ase bubuu mu, na ɔkae sɛ: Eyi ne me nipadua a worebubu ama mo no; monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae!
Explore 1 Korintofo 11:23-24
3
1 Korintofo 11:28-29
Na ma onipa nsɔ ne ho nhwɛ, na wadi abodoo no bi, na wanom kuruwa no ano bi. Na nea odi na ɔnom sɛnea ɛnsɛ no, odi nom de atemmu ba n’ankasa ne ho so, efisɛ wammu nipadua no yiye.
Explore 1 Korintofo 11:28-29
4
1 Korintofo 11:27
Enti nea obedi abodoo yi, anaasɛ ɔbɛnom Awurade kuruwa yi ano sɛnea ɛnsɛ no, obedi Awurade nipadua ne ne mogya ho fɔ.
Explore 1 Korintofo 11:27
5
1 Korintofo 11:1
Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no.
Explore 1 Korintofo 11:1
Home
Bible
Plans
Videos