1
Romafoɔ 5:8
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Nanso, Onyankopɔn da ne dɔ adi wɔ yei mu sɛ; ɛberɛ a yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.
Compare
Explore Romafoɔ 5:8
2
Romafoɔ 5:5
Saa anidasoɔ yi renni yɛn hwammɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam Honhom Kronkron a ɛyɛ nʼakyɛdeɛ a ɔde ama yɛn no so ahwie ne dɔ agu yɛn akoma mu.
Explore Romafoɔ 5:5
3
Romafoɔ 5:3-4
Afei, yɛn haw mu nso, yɛn ani gye, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ ɔhaw de boasetɔ ba, na boasetɔ de osuahunu ba, ɛnna osuahunu de anidasoɔ ba.
Explore Romafoɔ 5:3-4
4
Romafoɔ 5:1-2
Afei a ɛnam gyidie so ama Onyankopɔn abu yɛn bem no, yɛnam Awurade Yesu Kristo so anya Onyankopɔn asomdwoeɛ. Ɔnam gyidie so de yɛn aba Onyankopɔn adom a yɛte mu seesei no mu. Yɛn ani gye wɔ anidasoɔ mu sɛ yɛbɛnya Onyankopɔn anim animuonyam.
Explore Romafoɔ 5:1-2
5
Romafoɔ 5:6
Ɛberɛ a ɛsɛ mu, ɛberɛ a yɛyɛ mmerɛ no, Kristo wu maa amumuyɛfoɔ.
Explore Romafoɔ 5:6
6
Romafoɔ 5:9
Esiane sɛ wɔnam ne mogya no so abu yɛn bem no enti, wɔnam ne so bɛgye yɛn afiri Onyankopɔn abufuhyeɛ mu.
Explore Romafoɔ 5:9
7
Romafoɔ 5:19
Na sɛdeɛ ɛnam ɔbaakofoɔ asoɔden so enti nnipa nyinaa yɛɛ nnebɔneyɛfoɔ no, saa ara nso na onipa baako setie enti, wɔbɛyɛ bebree teneneefoɔ.
Explore Romafoɔ 5:19
8
Romafoɔ 5:11
Ɛnyɛ yei nko, mmom yɛnam AWURADE Yesu Kristo a ne mu na yɛanya mpata no gye yɛn ani wɔ Onyankopɔn mu.
Explore Romafoɔ 5:11
Home
Bible
Plans
Videos