1
Romafoɔ 4:20-21
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Nanso ne gyidie anhinhim, na wannye Onyankopɔn bɔhyɛ no ho akyinnyeɛ. Ɔhyɛɛ ne gyidie mu den de animuonyam maa Onyankopɔn. Na ɔgye dii yie sɛ Onyankopɔn bɛtumi ayɛ deɛ wahyɛ ho bɔ no.
Compare
Explore Romafoɔ 4:20-21
2
Romafoɔ 4:17
Sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Mayɛ wo aman bebree agya.” Onyankopɔn kaa saa, ɛfiri sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn a ɔma awufoɔ nya nkwa, na ɔyɛ nneɛma foforɔ firi deɛ ɛnni hɔ mu diiɛ.
Explore Romafoɔ 4:17
3
Romafoɔ 4:25
Yɛn bɔne enti, wɔyii no maa owuo, na wɔnyanee no maa yɛn bembuo.
Explore Romafoɔ 4:25
4
Romafoɔ 4:18
Ɛberɛ a anidasoɔ asa no, Abraham nyaa anidasoɔ gye diiɛ, enti ɔbɛyɛɛ aman bebree so agya, sɛdeɛ na wɔaka akyerɛ no sɛ, “Saa na wʼasefoɔ bɛyɛ” no.
Explore Romafoɔ 4:18
5
Romafoɔ 4:16
Enti bɔhyɛ no firi gyidie mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛfiri adom mu na ɛbɛtena hɔ ama Abraham asefoɔ nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase nko ara, na mmom wɔn a wɔwɔ gyidie sɛ Abraham nso. Ɔyɛ yɛn nyinaa agya.
Explore Romafoɔ 4:16
6
Romafoɔ 4:7-8
“Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn, na wɔakata wɔn bɔne so. Nhyira nka onipa a AWURADE mmu ne bɔne nngu ne so da.”
Explore Romafoɔ 4:7-8
7
Romafoɔ 4:3
Atwerɛsɛm no kyerɛ yɛn sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ; na ɛno so na ɛnam maa Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni no.”
Explore Romafoɔ 4:3
Home
Bible
Plans
Videos