1
Romafoɔ 6:23
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Na bɔne so akatua yɛ owuo, nanso Onyankopɔn akyɛdeɛ yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ, wɔ Kristo Yesu yɛn AWURADE mu.
Compare
Explore Romafoɔ 6:23
2
Romafoɔ 6:14
Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo so, ɛfiri sɛ monnhyɛ mmara ase, na mmom, mohyɛ adom ase.
Explore Romafoɔ 6:14
3
Romafoɔ 6:4
Ɛberɛ a wɔbɔɔ yɛn asu no, yɛwuiɛ, na wɔsiee yɛn ne Kristo. Sɛdeɛ Agya Onyankopɔn nam nʼanimuonyam so nyanee Kristo firii awufoɔ mu baa nkwa mu no, saa ara nso na seesei yɛte ase wɔ nkwa foforɔ mu.
Explore Romafoɔ 6:4
4
Romafoɔ 6:13
Saa ara nso, ɛnsɛ sɛ mogyaa mo honam akwaa biara ma bɔne sɛ nneɛma a wɔde di amumuyɛsɛm. Na mmom, momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ nnipa a wɔanyane mo afiri owuo mu aba nkwa mu. Momfa mo ho nyinaa mma no, na ɔmfa mo nyɛ tenenee nnwuma.
Explore Romafoɔ 6:13
5
Romafoɔ 6:6
Yɛnim sɛ wɔbɔɔ yɛn nipadua dada no ne Kristo asɛnnua mu. Wɔyɛɛ yei sɛdeɛ nipadua dada a ɛyɛ bɔne no renyɛ bɔne nkoa bio
Explore Romafoɔ 6:6
6
Romafoɔ 6:11
Ɛno enti, saa ɛkwan korɔ ara so no, ɛsɛ sɛ mofa mo ho sɛ moawu ama bɔne, na mote ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu.
Explore Romafoɔ 6:11
7
Romafoɔ 6:1-2
Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Yɛbɛkɔ so atena bɔne mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a adom bɛdɔɔso anaa? Ɛnte saa koraa! Yɛawu ama bɔne, na adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tena bɔne mu?
Explore Romafoɔ 6:1-2
8
Romafoɔ 6:16
Monnim sɛ, deɛ motie no ara na ne nkoa ne mo anaa? Sɛ ɛyɛ bɔne a ɛde kɔ owuo mu, anaasɛ ɔsetie a ɛde kɔ tenenee mu.
Explore Romafoɔ 6:16
9
Romafoɔ 6:17-18
Nanso, yɛda Onyankopɔn ase! Ɛfiri sɛ, berɛ bi a atwam no a na moyɛ bɔne nkoa no, mode mo akoma nyinaa tiee nkyerɛkyerɛ a wɔde maa mo no. Wɔagye mo afiri bɔne mu ma moabɛyɛ nkoa ama tenenee.
Explore Romafoɔ 6:17-18
Home
Bible
Plans
Videos