Onyankopɔn somaa Kristo sɛ ɔmfa ne ho mmɛbɔ afɔdeɛ mma yɛn. Kristo de ne mogya maaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, gyidie a yɛbɛnya wɔ ne mu enti wɔbɛgye yɛn. Saa afɔdeɛ yi ma yɛhunu sɛ, mmerɛ a atwa mu no, Onyankopɔn nam boasetɔ ne adom so de bɔne kyɛeɛ. Ɛfiri sɛ na Onyankopɔn rehwɛ ɛkwan na ɔde wɔn abɛka deɛ ɔreyɛ saa ɛberɛ yi no ho. Onyankopɔn yɛɛ yei de kyerɛɛ ne tenenee, ɛfiri sɛ ɔno ankasa nyɛ nyiyimu, na ɔbu atɛntenenee nso, na sɛ nnebɔneyɛfoɔ gye Yesu di a, ɔbu wɔn sɛ wɔtene wɔ nʼani so.