1
Nnwom 143:10
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛdeɛ, na wo ne me Onyankopɔn; ma wo honhom pa no nni me ɛkan wɔ asase tamaa so.
Compare
Explore Nnwom 143:10
2
Nnwom 143:8
Ma mente wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa, na mede me ho ato wo so. Kyerɛ me ɛkwan a memfa so, na wo na mema me kra so kyerɛ.
Explore Nnwom 143:8
3
Nnwom 143:9
Ao AWURADE gye me firi mʼatamfoɔ nsam, na wo mu na mede me ho hinta.
Explore Nnwom 143:9
4
Nnwom 143:11
Ao AWURADE, wo din enti, kyɛe me nkwa so; wo tenenee mu, yi me firi ɔhaw mu.
Explore Nnwom 143:11
5
Nnwom 143:1
Ao AWURADE, tie me mpaeɛbɔ, tie me nkotosrɛ; wɔ wo nokorɛdie ne tenenee mu bra bɛboa me.
Explore Nnwom 143:1
6
Nnwom 143:7
Ao AWURADE, gye me so ntɛm; me honhom tɔ piti. Mfa wʼanim nhinta me anyɛ saa a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amena mu no.
Explore Nnwom 143:7
7
Nnwom 143:5
Mekae tete nna no; medwendwene wo nnwuma ne deɛ wo nsa ayɛ nyinaa ho.
Explore Nnwom 143:5