1
Nnwom 142:5
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Ao AWURADE, mesu mefrɛ wo; mese, “Wone me dwanekɔbea, me kyɛfa wɔ ateasefoɔ asase so.”
Compare
Explore Nnwom 142:5
2
Nnwom 142:7
Yi me firi me nneduadan mu, na makamfo wo din. Afei teneneefoɔ bɛtwa me ho ahyia ɛsiane wo papa a woayɛ me enti.
Explore Nnwom 142:7
3
Nnwom 142:3
Sɛ me ɔkra tɔ baha wɔ me mu a, ɛyɛ wo na wonim mʼakwan. Ɛkwan a menam so no nnipa asum me afidie wɔ so.
Explore Nnwom 142:3
4
Nnwom 142:1
Meteam mesu frɛ AWURADE; me ma me nne so su frɛ AWURADE sɛ ɔnhunu me mmɔbɔ.
Explore Nnwom 142:1
5
Nnwom 142:6
Tie me sufrɛ, na mewɔ ahohia kɛseɛ mu; gye me firi mʼataafoɔ nsam, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me.
Explore Nnwom 142:6