1
Mmɛbusɛm 15:1
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Mmuaeɛ pa dwodwo abufuo, nanso asɛm a ano yɛ den hwanyane abufuo mu.
Compare
Explore Mmɛbusɛm 15:1
2
Mmɛbusɛm 15:33
AWURADE suro kyerɛ onipa nyansa, ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.
Explore Mmɛbusɛm 15:33
3
Mmɛbusɛm 15:4
Tɛkrɛma a ɛde abodwoɔ ba yɛ nkwa dua, nanso nnaadaa tɛkrɛma dwerɛ honhom.
Explore Mmɛbusɛm 15:4
4
Mmɛbusɛm 15:22
Nhyehyɛeɛ a ɛnni afotuo no sɛe, nanso afotufoɔ bebree ma ɛyɛ yie.
Explore Mmɛbusɛm 15:22
5
Mmɛbusɛm 15:13
Anigyeɛ akoma ma anim yɛ seresere, na akoma a abotoɔ dwerɛ honhom.
Explore Mmɛbusɛm 15:13
6
Mmɛbusɛm 15:3
AWURADE ani hunu baabiara, na ɛhwɛ amumuyɛfoɔ ne apapafoɔ.
Explore Mmɛbusɛm 15:3
7
Mmɛbusɛm 15:16
Ketewa bi a yɛnya a AWURADE suro ka ho no yɛ sene ahonyadeɛ bebree a ɔhaw bata ho.
Explore Mmɛbusɛm 15:16
8
Mmɛbusɛm 15:18
Deɛ ne bo fu ntɛm de mpaapaemu ba, nanso deɛ ɔwɔ ntoboaseɛ pata ntɔkwa.
Explore Mmɛbusɛm 15:18
9
Mmɛbusɛm 15:28
Ɔteneneeni akoma kari ne mmuaeɛ, nanso omumuyɛfoɔ ano woro bɔne.
Explore Mmɛbusɛm 15:28