1
Mmɛbusɛm 14:12
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔ onipa ani so, nanso ɛkɔwie owuo mu.
Compare
Explore Mmɛbusɛm 14:12
2
Mmɛbusɛm 14:30
Akoma mu asomdwoeɛ ma onipadua nkwa, na anibereɛ ma nnompe porɔ.
Explore Mmɛbusɛm 14:30
3
Mmɛbusɛm 14:29
Onipa a ɔwɔ abodwokyerɛ wɔ nteaseɛ a emu dɔ, na deɛ ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi.
Explore Mmɛbusɛm 14:29
4
Mmɛbusɛm 14:1
Ɔbaa nyansafoɔ si ne dan, nanso ɔbaa kwasea de nʼankasa ne nsa dwiri ne deɛ gu fam.
Explore Mmɛbusɛm 14:1
5
Mmɛbusɛm 14:26
Deɛ ɔsuro AWURADE no wɔ banbɔ a emu yɛ den, na ɛbɛyɛ dwanekɔbea ama ne mma.
Explore Mmɛbusɛm 14:26
6
Mmɛbusɛm 14:27
AWURADE suro yɛ nkwa asutire, ɛyi onipa firi owuo afidie mu.
Explore Mmɛbusɛm 14:27
7
Mmɛbusɛm 14:16
Onyansafoɔ suro AWURADE na ɔdwane bɔne, nanso ɔkwasea yɛ asowuiɛ ne basabasa.
Explore Mmɛbusɛm 14:16