1
Marko 5:34
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbabaa, wo gyidie ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoeɛ kɔ; wo yadeɛ no agyae.”
Compare
Explore Marko 5:34
2
Marko 5:25-26
Na ɔbaa bi a watu mogya mfirinhyia dumienu ka nnipakuo no ho. Ɔde ne yadeɛ no akyin ayaresafoɔ bebree so, atua sika bebree ama wayɛ ohiani, nanso na ne ho ntɔ no ara.
Explore Marko 5:25-26
3
Marko 5:29
Ampa ara, ɛsɔ a ɔsɔɔ nʼatadeɛ no mu pɛ, na mogya no twa maa ne ho tɔɔ no!
Explore Marko 5:29
4
Marko 5:41
Ɔsɔɔ abɔfra no nsa kaa sɛ, “Talita, Kumm!” a aseɛ ne sɛ “Abaayewa, mese wo sɛ sɔre!”
Explore Marko 5:41
5
Marko 5:35-36
Ɔgu so rekasa kyerɛ ɔbaa no no, abɔfoɔ firi Yairo efie bɛbɔɔ amaneɛ sɛ, Yairo babaa no awu, enti ɛho nhia sɛ Yesu bɛba bio. Yesu antie deɛ na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo sɛ, “Nsuro, gye di ara.”
Explore Marko 5:35-36
6
Marko 5:8-9
Yesu tiaa honhommɔne a ɛwɔ ɔbarima no mu no sɛ, “Honhommɔne, firi ne mu fi!” Yesu bisaa no sɛ, “Wɔfrɛ wo sɛn?” Ɔbuaa Yesu sɛ, “Me din de ‘Ɛdɔm’ ɛfiri sɛ, yɛdɔɔso.”
Explore Marko 5:8-9
Home
Bible
Plans
Videos