1
Marko 4:39-40
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Ɔsɔre teateaa mframa no ka kyerɛɛ ɛpo no sɛ, “Yɛ dinn!” Mframa no gyaeeɛ, na ɛpo no yɛɛ dinn! Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn na moyɛ ahufoɔ sei? Adɛn, monnye me nni anaa?”
Compare
Explore Marko 4:39-40
2
Marko 4:41
Na wɔn ho dwirii wɔn yie, bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa bɛn ni a mframa ne ɛpo mpo tie no yi?”
Explore Marko 4:41
3
Marko 4:38
Saa ɛberɛ no, na Yesu wɔ kodoɔ no to de ne ti ato sumiiɛ so ada. Asuafoɔ no de ahopopoɔ ne nteateamu kɔnyanee no kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛreyɛ amem yi, ɛmfa wo ho?”
Explore Marko 4:38
4
Marko 4:24
“Monhwɛ yie wɔ deɛ mote no ho. Deɛ mote no, ɛno ara na wɔde bɛma mo, na aboro so mpo.
Explore Marko 4:24
5
Marko 4:26-27
Ɔkaa bio sɛ, “Sɛdeɛ Onyankopɔn Ahennie no teɛ nie: okuafoɔ bi gu aba wɔ asase bi so. Awia ne anadwo, sɛ ɔda o, sɛ ɔnyane o, aba no fefɛ a ɔnnim sɛdeɛ ɛyɛeɛ a ɛnyiniiɛ.
Explore Marko 4:26-27
6
Marko 4:23
Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ma ɔntie!
Explore Marko 4:23
Home
Bible
Plans
Videos