Gye wo afɔdie to mu,
woayɛ dɔm atia AWURADE, wo Onyankopɔn,
woakyekyɛ wʼadɔeɛ mu ama ananafoɔ anyame
wɔ dua biara a adendan ase,
na woanyɛ ɔsetie amma me,’ ”
sɛdeɛ AWURADE seɛ nie.
“Monsane mo akyi, mo akyirisanfoɔ,” sɛdeɛ AWURADE seɛ nie, “ɛfiri sɛ meyɛ mo kunu. Mɛyi wo; ɔbaako bɛfiri kuro mu na mmienu afiri abusuakuo mu, na mede mo aba Sion.