1
Yeremia 2:13
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
“Me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ahodoɔ mmienu: Wɔapa mʼakyi, me a meyɛ nkwa asutire no, na wɔatutu wɔn ankasa nsukora amena, amena a ɛho apaapae a ɛntumi nkora nsuo.
Compare
Explore Yeremia 2:13
2
Yeremia 2:19
Wo amumuyɛ bɛtwe wʼaso; wʼakyirisane bɛka wʼanim. Enti dwene ho na hunu sɛ, sɛ wopa AWURADE wo Onyankopɔn akyi na woannya ne ho suro a, ɛyɛ bɔne ne ɔyea ma wo.” Awurade, Asafo AWURADE na ɔseɛ.
Explore Yeremia 2:19
3
Yeremia 2:11
Ɔman bi asesa wɔn anyame pɛn anaa? Nso wɔnnyɛ anyame mpo. Nanso me nkurɔfoɔ de wɔn animuonyam asesa ahoni huhuo.
Explore Yeremia 2:11