“Sɛ wobɛsane wʼakyi a Ao, Israel,
sane bra me nkyɛn,”
sei na AWURADE seɛ.
“Sɛ woyi wʼahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ firi mʼani so
na sɛ woammane bio,
na sɛ, nokorɛ, pɛyɛ ne tenenee mu
woka ntam sɛ, ‘Sɛ AWURADE te ase yi,’ a
afei mobɛyɛ nhyira ama aman no
na ne mu na wɔbɛnya animuonyam.”