1
Yeremia 14:22
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Na amanaman ahoni ahuhuo no mu bi ma osuo tɔ anaa? Anaasɛ ewiem bɛtumi ama obosuo apete? Dabi, ɛyɛ wo, Ao AWURADE yɛn Onyankopɔn. Enti wo so na yɛn ani da, yɛretwɛn mmoa afiri wo hɔ.
Compare
Explore Yeremia 14:22
2
Yeremia 14:7
Ɛwom sɛ yɛn amumuyɛ di adanseɛ tia yɛn deɛ, nanso Ao AWURADE, wo din enti yɛ ho biribi. Yɛn akyirisane dɔɔso; na yɛayɛ bɔne atia wo.
Explore Yeremia 14:7
3
Yeremia 14:20-21
Ao, AWURADE, yɛagye yɛn amumuyɛ ato mu ne yɛn agyanom afɔdie; nokorɛm yɛayɛ bɔne atia wo. Na wo din enti mmu yɛn animtia; nhura wʼanimuonyam ahennwa no ho. Kae wo ne yɛn apam no na mmu so.
Explore Yeremia 14:20-21