1
Yeremia 13:23
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Etiopiani bɛtumi asesa nʼahosuo anaa? Na ɔsebɔ nso bɛtumi asesa ne ho nsisimu no? Saa ara na worentumi nyɛ papa, wo a bɔneyɛ akokwa wo.
Compare
Explore Yeremia 13:23
2
Yeremia 13:16
Monhyɛ AWURADE mo Onyankopɔn, animuonyam ansa na wama esum aduru, ansa na mo nan asuntisunti wɔ nkokoɔ a ɛso reduru sum no so. Mo ani da hann so, nanso ɔbɛdane no esum kusuu na wɔasesa ayɛ no esum kabisii.
Explore Yeremia 13:16
3
Yeremia 13:10
Saa amumuyɛfoɔ yi a wɔmpɛ sɛ wɔtie mʼasɛm na wɔdi wɔn akoma den akyi na wɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn sɔre wɔn no, wɔbɛyɛ sɛ saa abɔsoɔ yi, na wɔn ho remma mfasoɔ biara!
Explore Yeremia 13:10
4
Yeremia 13:15
Montie na monyɛ aso, na monnyɛ ahantan, ɛfiri sɛ, AWURADE akasa.
Explore Yeremia 13:15