1
Yesaia 59:2
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Nanso, mo amumuyɛ na atete mo ne mo Onyankopɔn ntam; mo bɔne ama nʼanim ahinta mo, a enti ɔrente.
Compare
Explore Yesaia 59:2
2
Yesaia 59:1
Ampa ara AWURADE nsa nyɛ tiaa sɛ ɛrennye nkwa, na nʼasom nyɛ den sɛ ɛrente asɛm.
Explore Yesaia 59:1
3
Yesaia 59:21
“Medeɛ yei yɛ me ne wɔn apam,” sɛdeɛ AWURADE seɛ nie. “Me Honhom a ɔwɔ mo so, ne me nsɛm a mede ahyɛ mo anom remfiri mo anom, anaa mo mma, ne mo mma asefoɔ anom, ɛfiri saa ɛberɛ yi kɔsi daa apem,” sei na AWURADE seɛ.
Explore Yesaia 59:21
4
Yesaia 59:19
Ɛfiri atɔeɛ fam, nnipa bɛsuro AWURADE din na ɛfiri apueeɛ wɔde anidie bɛma nʼanimuonyam. Na ɔbɛba sɛ nsuo a ayiri tɛnn, AWURADE ahomeguo de no bɛba.
Explore Yesaia 59:19
5
Yesaia 59:20
“Ɔgyefoɔ no bɛba Sion, na ɔbɛyi amumuyɛsɛm nyinaa afiri Yakob asefoɔ mu,” sei na AWURADE seɛ.
Explore Yesaia 59:20