Na yei ne deɛ ɔkorɔn no,
deɛ ɔte ase daa a ne din yɛ kronkron no seɛ:
“Mete beaeɛ a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron,
me ne deɛ ɔwɔ ahonu na ɔyɛ honhom mu hiani nso te,
sɛ mɛkanyane honhom mu hiani no honhom,
na makanyane nʼakoma a abubu no.
Meremmɔ soboɔ afebɔɔ,
na mebo remfu daa,
sɛ anyɛ saa a, onipa honhom bɛtɔ piti wɔ mʼanim,
onipa ahome a me na mabɔ.