Yesaia 57:15-16
Yesaia 57:15-16 ASNA
Na yei ne deɛ ɔkorɔn no, deɛ ɔte ase daa a ne din yɛ kronkron no seɛ: “Mete beaeɛ a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron, me ne deɛ ɔwɔ ahonu na ɔyɛ honhom mu hiani nso te, sɛ mɛkanyane honhom mu hiani no honhom, na makanyane nʼakoma a abubu no. Meremmɔ soboɔ afebɔɔ, na mebo remfu daa, sɛ anyɛ saa a, onipa honhom bɛtɔ piti wɔ mʼanim, onipa ahome a me na mabɔ.





