Na ananafoɔ a wɔde wɔn ho ama AWURADE
sɛ wɔbɛsom no,
sɛ wɔbɛdɔ AWURADE din,
na wɔasɔre no,
wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa,
na wɔkura mʼapam mu denden;
yeinom na mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so
na mama wɔn anigyeɛ wɔ me mpaeɛbɔ efie.
Wɔn ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ ahodoɔ no,
mɛgye wɔ mʼafɔrebukyia so;
na wɔbɛfrɛ me fie beaeɛ a
aman nyinaa bɔ mpaeɛ.”