1
Yesaia 51:12
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
“Me, me ara, mene wo werɛ kyekyefoɔ. Hwan ne wo a wosuro ɔdasani, nnipa mma a wɔyɛ ɛserɛ yi.
Compare
Explore Yesaia 51:12
2
Yesaia 51:16
Mede me nsɛm ahyɛ wʼanomu, na mede me nsa ase nwunu akata wo so. Me a mede ɔsorosoro sii hɔ na mehyɛɛ asase ase na meka kyerɛ Sion sɛ, ‘Moyɛ me nkurɔfoɔ.’ ”
Explore Yesaia 51:16
3
Yesaia 51:7
“Montie me, mo a monim deɛ ɛteneɛ, mo a me mmara wɔ mo akoma mu: Monnsuro nnipa animka anaa momma wɔn ahohora ntu mo bo.
Explore Yesaia 51:7
4
Yesaia 51:3
AWURADE bɛkyekye Sion werɛ ampa ara na ne yam bɛhyehye no wɔ ne mmubuiɛ no ho; ɔbɛyɛ nʼanweatam ahodoɔ sɛ Eden, nʼasase a ada mpan bɛyɛ sɛ AWURADE turo. Wɔbɛhunu anigyeɛ ne ahosɛpɛ, aseda ne nnwontoɔ wɔ ne mu.
Explore Yesaia 51:3
5
Yesaia 51:11
Wɔn a AWURADE apata ama wɔn bɛsane aba. Wɔde nnwontoɔ bɛhyɛne Sion; anigyeɛ a ɛnsa da bɛyɛ wɔn abotire, anigyeɛ ne ahosɛpɛ bɛboro wɔn so, awerɛhoɔ ne apinisie bɛtu ayera.
Explore Yesaia 51:11