1
Yesaia 52:7
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Hwɛ sɛdeɛ wɔn a wɔde asɛmpa no reba no anammɔn yɛ fɛ wɔ mmepɔ no so, wɔn a wɔpae mu ka asomdwoesɛm, wɔn a wɔde nsɛmmɔdɛ ba, wɔn a wɔpae mu ka nkwagyeɛ ho asɛm na wɔka kyerɛ Sion sɛ, “Mo Onyankopɔn di ɔhene.”
Compare
Explore Yesaia 52:7
2
Yesaia 52:14-15
Dodoɔ a wɔhunuu no ho dwirii wɔn. Ɛfiri sɛ wɔsɛee nʼanim a ansɛ onipa biara deɛ na ne bɔberɛ sɛeɛ a ɛnsɛ ɔdasani deɛ. Saa ara na ɔbɛma aman bebree ho adwiri wɔn na ahemfo bɛmuamua wɔn ano, ne enti. Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no bɛhunu, na wɔn a wɔnteeɛ no nso bɛte aseɛ.
Explore Yesaia 52:14-15
3
Yesaia 52:13
Hwɛ, me ɔsomfoɔ bɛdi yie wɔbɛpagya no ayɛ no kɛseɛ.
Explore Yesaia 52:13