1
Yesaia 50:4
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Asafo AWURADE ama me nkyerɛkyerɛ tɛkrɛma sɛ ɛnka asɛm a ɛhyɛ ɔbrɛfoɔ den. Ɔnyane me anɔpa biara, na ɔbue mʼaso ma metie sɛ obi a ɔregye nkyerɛkyerɛ.
Compare
Explore Yesaia 50:4
2
Yesaia 50:7
Esiane sɛ, Asafo AWURADE boa me enti, wɔrengu mʼanim ase. Enti na mayɛ mʼanim sɛ twerɛboɔ, na menim sɛ mʼanim rengu ase.
Explore Yesaia 50:7
3
Yesaia 50:10
Mo mu hwan na ɔsuro AWURADE, na ɔdi ne ɔsomfoɔ asɛm so? Ma deɛ ɔnam esum mu, deɛ ɔnni hann no, ɔnnye AWURADE din nni na ɔmfa ne ho nto ne Onyankopɔn so.
Explore Yesaia 50:10