1
Yesaia 49:15
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
“Ɔbaa werɛ bɛtumi afiri ne ba a ɔtua nufoɔ ano a ɔrennya ayamhyehyeɛ mma ɔba a waturu no anaa? Ebia ne werɛ bɛfiri, na me werɛ remfiri wo!
Compare
Explore Yesaia 49:15
2
Yesaia 49:16
Hwɛ, makrukyire wo din agu me nsa yam wʼafasuo wɔ mʼani so daa.
Explore Yesaia 49:16
3
Yesaia 49:25
Nanso, sei na AWURADE seɛ: “Aane, mɛgye nnommumfoɔ afiri akofoɔ nsam na mɛgye afodeɛ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam; me ne wɔn a wɔne mo nya no bɛnya na mɛgye mo mma nkwa.
Explore Yesaia 49:25
4
Yesaia 49:6
Ɔka sɛ, “Wobɛyɛ me ɔsomfoɔ a wode Yakob mmusuakuo bɛsane aba, na wode Israelfoɔ a mede wɔn asie nso bɛsane aba. Nanso, mɛma woayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea, ɛnam wo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.”
Explore Yesaia 49:6
5
Yesaia 49:13
Momfa anigyeɛ nteam, Ao ɔsoro; di ahurisie, Ao asase; monto nnwom, Ao mmepɔ! Na AWURADE kyekye ne nkurɔfoɔ werɛ, na ɔbɛhunu nʼamanehunufoɔ mmɔbɔ.
Explore Yesaia 49:13