1
Yesaia 48:17-18
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Yei ne deɛ AWURADE seɛ, mo gyefoɔ, Israel Kronkronni no: “Mene AWURADE mo Onyankopɔn, deɛ ɔkyerɛ mo deɛ ɛyɛ ma mo, na ɔkyerɛ mo ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa soɔ. Sɛ modii mʼahyɛdeɛ so a, anka mo asomdwoeɛ ayɛ sɛ asubɔnten, na mo tenenee ayɛ sɛ ɛpo asorɔkye.
Compare
Explore Yesaia 48:17-18
2
Yesaia 48:10
Hwɛ, mahoa mo ho, nanso ɛnyɛ sɛdeɛ wɔhoa dwetɛ ho; mmom, masɔ wo mahwɛ wɔ amanehunu fononoo mu.
Explore Yesaia 48:10
3
Yesaia 48:11
Me enti, me enti, na meyɛ yei. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mema ho kwan na wɔsɛe me din? Memma obi nnye mʼanimuonyam.”
Explore Yesaia 48:11
4
Yesaia 48:22
“Asomdwoeɛ nni hɔ mma amumuyɛfoɔ.” Sei na AWURADE seɛ.
Explore Yesaia 48:22