Mɛduadua wɔ anweatam so,
ntweneduro, okuo, ohwam ne ngo nnua.
Mɛduadua pepeaa, wɔ asase wesee so
asɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ abɔ mu,
sɛdeɛ nnipa bɛhunu na wɔate,
na wɔasusu ho na wɔate aseɛ sɛ,
AWURADE nsa na ayɛ saa adeɛ yi;
Israel ɔkronkronni no na ɔma ɛbaeɛ.