1
Yesaia 40:29
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Ɔma deɛ watɔ bera ahoɔden deɛ wayɛ mmerɛ nso, ɔto nʼahoɔden so.
Compare
Explore Yesaia 40:29
2
Yesaia 40:30-31
Mpo, mmabunu brɛ, na wɔtɔ bera, na mmeranteɛ suntisunti hwehwe ase; Nanso, wɔn a wɔn ani da AWURADE so bɛnya ahoɔden foforɔ. Wɔde ntaban te sɛ akɔdeɛ deɛ bɛtu akɔ ewiem; wɔbɛtu mmirika, na wɔremmrɛ. Wɔbɛnante, na wɔrentɔ baha.
Explore Yesaia 40:30-31
3
Yesaia 40:28
Wonnim anaa? Wonteeɛ anaa? AWURADE yɛ daapem Onyankopɔn, na ɔyɛ asase nyinaa yɛfoɔ. Ɔremmrɛ na ɔrentɔ bera, na ne nhunumu nni nhwehwɛmu.
Explore Yesaia 40:28
4
Yesaia 40:3
Ɛnne bi reteam sɛ, “Monsiesie ɛkwan mma AWURADE wɔ anweatam no so. Montene kwantempɔn wɔ ɛserɛ no so mma yɛn Onyankopɔn.
Explore Yesaia 40:3
5
Yesaia 40:8
Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam, nanso yɛn Onyankopɔn asɛm no tim hɔ daa.”
Explore Yesaia 40:8
6
Yesaia 40:5
Na AWURADE animuonyam bɛda adi, na nnipa nyinaa bɛhunu. Ɛfiri sɛ AWURADE na aka!”
Explore Yesaia 40:5
7
Yesaia 40:4
Bɔnhwa biara bɛyɛ ma, bepɔ ne nkokoɔ nyinaa bɛkɔ fam, asase a ɛyɛ monkyi mmɔnka no bɛyɛ tamaa, na mmeaɛ a ɛyɛ kɔntɔnkye no ayɛ tata.
Explore Yesaia 40:4
8
Yesaia 40:11
Ɔhwɛ ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ. Ɔboa nnwammaa no wɔ nʼabasa so. Ɔturu wɔn ne koko so; na nnwan a wɔwɔ mma no, ɔka wɔn brɛoo.
Explore Yesaia 40:11
9
Yesaia 40:26
Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro: Hwan na ɔbɔɔ yeinom nyinaa? Deɛ ɔyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako, na ɔbɔ obiara din de frɛ no. Nʼahoɔden ne ne tumi enti wɔn mu baako mpo nnyeraeɛ.
Explore Yesaia 40:26
10
Yesaia 40:22
Ɔte ahennwa so wɔ asase kanko no atifi. Ɛso nnipa te sɛ ntutummɛ ɔtwe ɔsoro mu te sɛ ntwamutam, na ɔde yɛ ntomadan tena mu.
Explore Yesaia 40:22
11
Yesaia 40:2
Monka asomdwoesɛm nkyerɛ Yerusalem, na mompae mu nka nkyerɛ no sɛ ne som denden no aba awieeɛ, wɔatua ne bɔne no so ka, na wɔanya ne bɔne nyinaa so akatua mmɔho afiri AWURADE nsam.
Explore Yesaia 40:2
12
Yesaia 40:6-7
Nne bi kaa sɛ, “Team.” Na mekaa sɛ, “Menteɛm nka sɛn?” “Bɔ dawuro sɛ nnipa nyinaa te sɛ ɛserɛ, na wɔn animuonyam nyinaa te sɛ afuo so nhwiren. Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam ɛfiri sɛ AWURADE ahomeguo fa wɔn so. Nokorɛm nnipa no yɛ ɛserɛ.
Explore Yesaia 40:6-7
13
Yesaia 40:10
Hwɛ, Asafo AWURADE de tumi reba, na nʼabasa bɛdi ɔhene ama no. Hwɛ, nʼakatua ka ne ho, na ɔde nʼabasobɔdeɛ nam.
Explore Yesaia 40:10
14
Yesaia 40:1
Monkyekyere, monkyekyere me nkurɔfoɔ werɛ. Saa na mo Onyankopɔn seɛ.
Explore Yesaia 40:1
15
Yesaia 40:12-14
Hwan na wasusu nsuo wɔ ne nsam anaa ɔde ne nsateaa asusu ɔsoro? Hwan na ɔde asase so mfuturo agu kɛntɛn mu, anaa wakari mmepɔ wɔ nsania so ne nkokoɔ wɔ nsania apampaa so? Hwan na wate AWURADE ase, anaa wakyerɛkyerɛ no sɛ ne fotufoɔ? Hwan na AWURADE abisa no sɛ ɔnkyerɛ no biribi ase, na hwan na ɔkyerɛɛ no ɛkwan pa no? Hwan na ɔmaa no nimdeɛ anaa ɔkyerɛɛ no nhunumu kwan?
Explore Yesaia 40:12-14