1
Yesaia 42:6-7
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
“Me, AWURADE, mafrɛ wo tenenee mu; mɛsɔ wo nsa. Mɛhwɛ wo so na mede wo ayɛ apam ama nkurɔfoɔ no ne kanea ama amanamanmufoɔ, na woabue ani a afira, na woayi nneduafoɔ afiri afiase na woagye wɔn a wɔda afiase amena mu, wɔn a wɔte esum kabii mu no.
Compare
Explore Yesaia 42:6-7
2
Yesaia 42:8
“Mene AWURADE; me din ne no! Meremfa mʼanimuonyam mma obi anaa mʼayɛyie mma ahoni.
Explore Yesaia 42:8
3
Yesaia 42:1
“Me ɔsomfoɔ a mahyɛ no den nie, deɛ mayi noɔ na ɔsɔ mʼani; mede me Honhom bɛgu no so na ɔde atɛntenenee bɛbrɛ aman no.
Explore Yesaia 42:1
4
Yesaia 42:3-4
Demmire a ayɛ mmerɛ no, ɔremmu mu. Kanea ntoma a ɛnnɛre yie no, ɔrennum. Nokorɛ mu na ɔbɛda tenenee adi; ɔrenhinhim na nʼabamu remmu kɔsi sɛ ɔde tenenee bɛba asase so. Ne mmara so na amanaman no de wɔn ani bɛtoɔ.”
Explore Yesaia 42:3-4
5
Yesaia 42:16
Mɛdi anifirafoɔ anim afa ɛkwan a wɔnnim so, akwan a wɔnnim so papa so na mɛkyerɛ wɔn kwan. Mɛma esum no ayɛ hann wɔ wɔn anim, na mayɛ mmea a ɛyɛ mmomkyi mmɔnka no tromtrom. Yeinom ne nneɛma a mɛyɛ; merennya wɔn mu.
Explore Yesaia 42:16
6
Yesaia 42:9
Hwɛ, nneɛma dada no atwam, na nneɛma foforɔ no mepae mu ka; ansa na ɛbɛba mu no meka kyerɛ mo.”
Explore Yesaia 42:9