1
Kolosefoɔ 3:13
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Mommoaboa mo ho mo ho, na obi fom ne yɔnko a, momfa nkyekyɛ mo ho. Sɛdeɛ Awurade de akyɛ mo no, saa ara na mo nso momfa nkyekyɛ mo ho mo ho.
Compare
Explore Kolosefoɔ 3:13
2
Kolosefoɔ 3:2
Saa nneɛma no na momma mo adwene nkɔ so, na ɛnnyɛ asase yi so nneɛma.
Explore Kolosefoɔ 3:2
3
Kolosefoɔ 3:23
Biribiara a moyɛ no, momfa mo akoma nyinaa nyɛ na momfa no sɛ moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa.
Explore Kolosefoɔ 3:23
4
Kolosefoɔ 3:12
Moyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ. Ɔpɛ mo asɛm enti na ɔyii mo sɛ ne deɛ, enti monyɛ timmɔborɔ, ayamyɛ, mommrɛ mo ho ase, monnwo na monyɛ abodwokyerɛ.
Explore Kolosefoɔ 3:12
5
Kolosefoɔ 3:16-17
Kristo asɛm no ne mu nnepa nyinaa ntena mo akoma mu. Momfa nyansa nkyerɛkyerɛ. Monto asankuo so nnwom ne ayɛyie nnwom ne honhom mu nnwom. Momfiri mo akoma mu nto aseda nnwom mma Onyankopɔn. Biribiara a moyɛ anaa moka no, monyɛ wɔ Awurade Yesu din mu na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase.
Explore Kolosefoɔ 3:16-17
6
Kolosefoɔ 3:14
Yei nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ a ɛde baakoyɛ ba no nka mo abrabɔ ho.
Explore Kolosefoɔ 3:14
7
Kolosefoɔ 3:1
Wɔanyane mo ne Kristo aba nkwa mu. Afei monnwene ɔsoro nneɛma ho, baabi a Kristo te Onyankopɔn nifa so di ɔhene no.
Explore Kolosefoɔ 3:1
8
Kolosefoɔ 3:15
Momma Kristo asomdwoeɛ no ntena mo akoma mu. Saa asomdwoeɛ yi ho na wɔafrɛ mo nyinaa aba Kristo onipadua baako mu. Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛyie.
Explore Kolosefoɔ 3:15
9
Kolosefoɔ 3:5
Ewiase akɔnnɔdeɛ te sɛ adwamammɔ, afideyɛ, bɔne, ne anibereɛ a ɛyɛ abosonsom no, monyi mfiri mo abrabɔ mu.
Explore Kolosefoɔ 3:5
10
Kolosefoɔ 3:3
Ɛfiri sɛ, moawu na wɔde mo nkwa ne Kristo ahinta wɔ Onyankopɔn mu.
Explore Kolosefoɔ 3:3
11
Kolosefoɔ 3:8
Afei, monnyae saa nneɛma yi nyinaa: abufuo, bɔnepɛ, ne ɔtan. Monnyeya obi anaa mommma kasa a ɛho nte mfiri mo anom.
Explore Kolosefoɔ 3:8
12
Kolosefoɔ 3:9-10
Monnnidi atorɔ nkyerɛ mo ho, ɛfiri sɛ, moato onipadua dada ne ne su no atwene de onipadua foforɔ asi ananmu. Moayɛ nnipa foforɔ a daa Onyankopɔn a ɔbɔɔ mo no resesa mo wɔ ne suban so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ho nimdeɛ bɛhyɛ mo ma.
Explore Kolosefoɔ 3:9-10
13
Kolosefoɔ 3:19
Okununom, monnɔ mo yerenom na monnhyɛ wɔn ahometeɛ.
Explore Kolosefoɔ 3:19
14
Kolosefoɔ 3:20
Mma, adeɛ nyinaa mu, montie mo awofoɔ asɛm na yei na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
Explore Kolosefoɔ 3:20
15
Kolosefoɔ 3:18
Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛdeɛ ɛsɛ Awurade mu.
Explore Kolosefoɔ 3:18
Home
Bible
Plans
Videos