1
Romafoɔ 5:8
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, ɛfiri sɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.
Compare
Explore Romafoɔ 5:8
2
Romafoɔ 5:5
Na anidasoɔ nhyɛ aniwuo, ɛfiri sɛ wɔnam Honhom Kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Nyankopɔn dɔ agu yɛn akoma mu.
Explore Romafoɔ 5:5
3
Romafoɔ 5:3-4
Na ɛnyɛ yei nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, ɛfiri sɛ yɛnim sɛ ahohia de boasetɔ ba, na boasetɔ de osuahunu ba, na osuahunu de anidasoɔ ba.
Explore Romafoɔ 5:3-4
4
Romafoɔ 5:1-2
Afei ɛfiri gyidie mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Nyankopɔn fam asomdwoeɛ; ɔno nso so na yɛnam de gyidie anya adom yi a yɛwɔ mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Nyankopɔn animuonyam ho anidasoɔ mu.
Explore Romafoɔ 5:1-2
5
Romafoɔ 5:6
Na yɛda so yɛ mmerɛ no, berɛ a ɛsɛ mu no, Kristo wu maa abusuyɛfoɔ.
Explore Romafoɔ 5:6
6
Romafoɔ 5:9
Enti afei mmom a wɔabu yɛn bem wɔ ne mogya mu yi, wɔnam ne so bɛgye yɛn nkwa afiri abufuo no mu.
Explore Romafoɔ 5:9
7
Romafoɔ 5:19
Na sɛdeɛ nnipa bebree no nam onipa baako no asoɔden so bɛyɛɛ nnebɔneyɛfoɔ no, sɛ nso bebree no nam ɔbaakofoɔ no setie so bɛyɛ ateneneefoɔ ne no.
Explore Romafoɔ 5:19
8
Romafoɔ 5:11
Na ɛnyɛ yei nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu, ɛsiane Awurade Yesu Kristo a yɛnam no so seesei anya mpata yi.
Explore Romafoɔ 5:11
Home
Bible
Plans
Videos