1
Romafoɔ 3:23-24
New Revised Asante Twi Bible
ASW
ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Nyankopɔn animuonyam abɔ wɔn, na wɔde n’adom nam ɔgyeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no so bu wɔn bem kwa.
Compare
Explore Romafoɔ 3:23-24
2
Romafoɔ 3:22
Na ɛyɛ Nyankopɔn tenenee a ɛnam Yesu Kristo ho gyidie soɔ hyɛne wɔn a wɔgye die nyinaa mu no na ɛba wɔn nyinaa soɔ. Na nsonsonoeɛ biara nni mu
Explore Romafoɔ 3:22
3
Romafoɔ 3:25-26
Ɔno na Onyankopɔn de no asi hɔ sɛ mpatadeɛ a ɛnam gyidie so wɔ ne mogya mu, na ɔde akyerɛ ne tenenee sɛ nnebɔne a wɔayɛ kane no wama no atwa mu Nyankopɔn boasetɔ mu no nti. Na ɔde akyerɛ ne tenenee no wɔ ɛberɛ yi mu, na ɔno ara atene, na wabu deɛ ɔfiri Yesu ho gyidie mu no nso bem ama no atene bi.
Explore Romafoɔ 3:25-26
4
Romafoɔ 3:20
Ɛfiri sɛ wɔremfiri mmara nnwuma mu mmu honam biara bem n’anim; na mmara so na wɔnam hunu bɔne yie.
Explore Romafoɔ 3:20
5
Romafoɔ 3:10-12
sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Ɔteneneeni biara nni hɔ, ɔbaako mpo nni hɔ. Obiara nni hɔ a ɔwɔ nteaseɛ, obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan. Wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa ayɛ deɛ mfasoɔ nni wɔn so, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa, ɔbaako mpo nni hɔ.
Explore Romafoɔ 3:10-12
6
Romafoɔ 3:28
Enti na yɛbu no sɛ wɔkwati mmara nnwuma de gyidie na ɛbu onipa bem.
Explore Romafoɔ 3:28
7
Romafoɔ 3:4
Dabi da, na mmom ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ, na nnipa nyinaa nyɛ atorofoɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɛbɛyɛ na woadi bem wɔ wo nsɛm mu, na wobu atɛn a, woadi nkonim.
Explore Romafoɔ 3:4
Home
Bible
Plans
Videos