1
Romafoɔ 2:3-4
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na, wo onipa a wobu wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma no atɛn na woyɛ saa ara no, wosusu sɛ wobɛdwane Nyankopɔn atemmuo no anaa? Anaasɛ wote n’ayamyɛ ne ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre mapa no ho atua a, wonim sɛ Nyankopɔn ayamyɛ de wo rekɔ adwensakyera mu?
Compare
Explore Romafoɔ 2:3-4
2
Romafoɔ 2:1
Enti wo onipa biara a wobu atɛn no, anoyie biara nni hɔ mma wo; ɛfiri sɛ deɛ wobu obi atɛn wɔ mu no, wobu wo ara wo ho fɔ, ɛfiri sɛ wo a wobu atɛn no woyɛ saa adeɛ no ara.
Explore Romafoɔ 2:1
3
Romafoɔ 2:11
Na nnipa mu nyiyimu ne animhwɛ nni Nyankopɔn fam.
Explore Romafoɔ 2:11
4
Romafoɔ 2:13
Na ɛnyɛ mmaratiefoɔ na wɔyɛ ateneneefoɔ wɔ Nyankopɔn anim, na mmom mmara sodifoɔ na wɔbɛbu wɔn bem.
Explore Romafoɔ 2:13
5
Romafoɔ 2:6
Ɔno na ɔbɛsusu nnipa nyinaa nnwuma so adeɛ ama wɔn mmaako mmaako.
Explore Romafoɔ 2:6
6
Romafoɔ 2:8
Na wɔn a wɔfiri atutupɛ mu, na wɔntie nokorɛ, na wɔtie deɛ ɛntene no, abufuo ne abufuhyeɛ bɛba wɔn so.
Explore Romafoɔ 2:8
7
Romafoɔ 2:5
Na w’akoma den ne akoma pirim nti, woreboaboa abufuo ano de atwɛn abufuo ne Nyankopɔn atɛntenenee no adiyie da no.
Explore Romafoɔ 2:5
Home
Bible
Plans
Videos