1
Mmebusɛm 17:17
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Adamfo dɔ berɛ nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa ahohiahia.
Compare
Explore Mmebusɛm 17:17
2
Mmebusɛm 17:22
Anigyeɛ akoma yɛ aduro pa, na honhom a ɛdi yea no deɛ, ɛwe nnompe mu.
Explore Mmebusɛm 17:22
3
Mmebusɛm 17:9
Deɛ ɔkata mfomsoɔ soɔ no hwehwɛ ɔdɔ, na deɛ ɔti asɛm mu no tete nnamfo ntam.
Explore Mmebusɛm 17:9
4
Mmebusɛm 17:27
Deɛ ɔdodo ne nsɛm ho hunu nimdeɛ, na deɛ ne honhom dwoɔ yɛ nhunumu nipa.
Explore Mmebusɛm 17:27
5
Mmebusɛm 17:28
Ogyimifoɔ mpo, ɔmua n’ano a, wɔbu no nyansafoɔ, aane, deɛ ɔka n’ano tom no, ɔyɛ nhunumuni.
Explore Mmebusɛm 17:28
6
Mmebusɛm 17:1
Kɔntɔmoa wesee a asomdwoeɛ wɔ mu yɛ sene efie a afɔrebɔdeɛ a wɔko ho ayɛ no ma.
Explore Mmebusɛm 17:1
7
Mmebusɛm 17:14
Ntɔkwa mfitiaseɛ te sɛ nsuo ano tue, enti ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae.
Explore Mmebusɛm 17:14
8
Mmebusɛm 17:15
Deɛ ɔbu ɔbɔnefoɔ bem ne deɛ ɔbu ɔteneneeni fɔ no, AWURADE akyiwadeɛ ne wɔn baanu nyinaa.
Explore Mmebusɛm 17:15