1
Mmebusɛm 10:22
New Revised Asante Twi Bible
ASW
AWURADE nhyira na ɛyɛ ɔdefoɔ, na ɔmfa awerɛhoɔ nka ho.
Compare
Explore Mmebusɛm 10:22
2
Mmebusɛm 10:19
Mfomsoɔ mpa ɔkasa dodoɔ mu, na deɛ ɔsianka n’ano yɛ onimdefoɔ.
Explore Mmebusɛm 10:19
3
Mmebusɛm 10:12
Ɔtane hwanyan ntɔkwa, na ɔdɔ kata mfomsoɔ nyinaa so.
Explore Mmebusɛm 10:12
4
Mmebusɛm 10:4
Ohia bɛhia deɛ ɔtwentwɛn ne nsa aseɛ, na nsiyɛfoɔ nsa ma wɔnya wɔn ho.
Explore Mmebusɛm 10:4
5
Mmebusɛm 10:17
Deɛ ɔbu atenetene fa nkwa kwan so, na deɛ ɔpo animka no fom kwan.
Explore Mmebusɛm 10:17
6
Mmebusɛm 10:9
Deɛ ɔnam pɛyɛ mu no nam dwoodwoo, na deɛ ɔkyea n’akwan no, wɔbɛhu no.
Explore Mmebusɛm 10:9
7
Mmebusɛm 10:27
AWURADE suro to nna so, na abɔnefoɔ mfeɛ deɛ, wɔbɛtwa so.
Explore Mmebusɛm 10:27
8
Mmebusɛm 10:3
AWURADE mma ɛkɔm nne ɔteneneeni kra, na abɔnefoɔ adepɛ deɛ, ɔka gu.
Explore Mmebusɛm 10:3
9
Mmebusɛm 10:25
Sɛ ahum tu twam a, na ɔbɔnefoɔ nni hɔ bio, na ɔteneneeni yɛ daa nnyinasoɔ.
Explore Mmebusɛm 10:25
Home
Bible
Plans
Videos