Na sɛ momma mo akwan ne mo nneyɛɛ yɛ yie ampa, sɛ mobu onipa ne ne yɔnko ntam atɛntenenee, sɛ moanhyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ so, anaasɛ moanhwie mogya a ɛdi bem angu ha yi, na moanni anyame foforɔ akyi amfa anyɛ mo ho bɔne a, ɛno na mɛma moatena ha, asase a mede memaa mo agyanom firi tete sɛ ɛnkɔsi daa no soɔ.