1
Yeremia 8:22
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Aduhwam biara nni Gilead, anaasɛ ɔyaresafoɔ biara nni hɔ? Na adɛn nti na wɔnnya nsaa me man babaa no yadeɛ?
Compare
Explore Yeremia 8:22
2
Yeremia 8:4
Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔhwe ase a, wɔnsan nsɔre bio anaa? Anaasɛ wɔmane kɔ a, wɔnsane mma?
Explore Yeremia 8:4
3
Yeremia 8:7
Asukɔnkɔn a ɔwɔ wiem mpo nim ne berɛ, anyankuku, asomfenakatakyi ne nantwinoma wɛn wɔn ba berɛ, nanso me man deɛ wɔnnim AWURADE ahyɛdeɛ.
Explore Yeremia 8:7
4
Yeremia 8:6
Mawɛn m’aso matie, nso deɛ ɛntene na wɔka. Obiara nni hɔ a ɔnu ne ho wɔ ne bɔne ho ka sɛ: Ɛdeɛn na mayɛ yi? Obiara asi ne kwan so sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ ahyia dɔm.
Explore Yeremia 8:6
5
Yeremia 8:9
Anyansafoɔ ani bɛwu, wɔbɛbɔ binim na wɔakye wɔn. Hwɛ, AWURADE asɛm na wɔapoɔ yi, na nyansa bɛn na wɔwɔ?
Explore Yeremia 8:9