AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so,
ɛfiri sɛ AWURADE asra me ngo
sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufoɔ;
wasoma me sɛ memmɛkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ,
mempae ahofadie menkyerɛ nnommum
ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfoɔ,
na mempae AWURADE anisɔ afe
ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da no,
menkyekyere abooboodifoɔ nyinaa werɛ,
menhyehyɛ Sion abooboodifoɔ
memma wɔnnɛnso nsi nso mu da ananmu,
memma wɔn anika ngo nsi abooboo ananmu,
memma wɔn ayeyie ntadeɛ nsi honhom a watɔ bera ananmu,
na wɔmfrɛ wɔn tenenee nnua,
AWURADE tɛ nnua a ɛhyɛ no animuonyam.