1
Yesaia 42:6-7
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Me, AWURADE, mafrɛ wo tenenee mu, na masɔ wo nsa, na makora wo, na mede wo mayɛ ɔman apam ne amanaman hann sɛ: Bue ani a afira, yi apokyerɛfoɔ firi afiase ne wɔn a wɔtete sum mu firi nneduadan mu.
Compare
Explore Yesaia 42:6-7
2
Yesaia 42:8
Mene AWURADE, me din ne no, na meremfa m’animuonyam mma obi, na m’ayeyie nso, meremfa mma ahoni.
Explore Yesaia 42:8
3
Yesaia 42:1
Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden nie, deɛ mayi no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu ne so; ɔde atemmuo bɛfiri akɔ amanaman mu.
Explore Yesaia 42:1
4
Yesaia 42:3-4
demmire a ayɛ mmerɛ no, ɔremmu mu, na kanea mu asaawa a ɛrefiri wisie no, ɔrennum; nokorɛ mu na ɔbɛyi atemmuo adie. N’asɛm ano rennwo, na ɔrempa aba de bɛkɔ akɔsi sɛ ɔde atemmuo tenenee bɛsi asase soɔ, na mpoano aman bɛtwɛn ne mmara.
Explore Yesaia 42:3-4
5
Yesaia 42:16
Na mɛgya anifirafoɔ wɔ ɔkwan a wɔnnim mu so, mɛma wɔanante atempɔn a wɔnnim soɔ so. Mɛma sum ayɛ hann wɔ wɔn anim, na deɛ ɛyɛ mmonkyimmɔnka no, mɛyɛ no tamaa. Adeɛ yei na mɛyɛ mama wɔn, na merennya wɔn.
Explore Yesaia 42:16
6
Yesaia 42:9
Akane deɛ no, hwɛ, aba mu, na nnoɔma foforɔ na merekyerɛ, ɛnnya mfifiriiɛ yi merema moate.
Explore Yesaia 42:9