1
Yesaia 43:19
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Hwɛ, mereyɛ ade foforɔ bi, afei na ɛrefifire, monhunu? Mɛbɔ ɛserɛ so kwan, mɛma nsubɔntene aba anwea pradada so.
Compare
Explore Yesaia 43:19
2
Yesaia 43:2
Sɛ woretwa nsuo a, me ne wo na ɛwɔ hɔ, na sɛ worefa nsubɔntene mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhye wo, na ogyaframa renhye wo.
Explore Yesaia 43:2
3
Yesaia 43:18
Monnkae akane nsɛm, na monnnwene atetedeɛ ho.
Explore Yesaia 43:18
4
Yesaia 43:1
Na afei, sɛdeɛ AWURADE a ɔbɔɔ woɔ, Yakob, na ɔnwonoo woɔ, O Israel, no ka nie: Nsuro, na magye wo, mabɔ wo din mafrɛ wo, woyɛ me dea.
Explore Yesaia 43:1
5
Yesaia 43:4
Sɛ wosom boɔ m’ani so, w’anim aba nyam, na me na madɔ woɔ nti, mede nnipa bɛma asi wo ananmu, na mede aman bi asi wo kra ananmu.
Explore Yesaia 43:4
6
Yesaia 43:3
Na me, AWURADE, mene wo Nyankopɔn, Israel Kronkronni, wo gyefoɔ no. Mede Misraim ayɛ agyedeɛ ama wo, mede Etiopia ne Saba asi wo ananmu.
Explore Yesaia 43:3
7
Yesaia 43:5
Nsuro, na me na me ne wo wɔ hɔ. Mede w’asefoɔ bɛfiri apueeɛ aba, na mafiri atɔeɛ maboa wo ano
Explore Yesaia 43:5
8
Yesaia 43:25
Me, me ara, mene deɛ ɔpepa wo mmarato, me ara me nti, na wo bɔne nso, merenkaeɛ.
Explore Yesaia 43:25
9
Yesaia 43:10
Mone m’adansefoɔ, AWURADE na ɔseɛ, ne m’akoa a mayi no no, sɛ monhunu na monnye me nni, na monhunu mu sɛ me ara mene no. Wɔnnwonoo onyame bi m’anim, na m’akyiri nso obiara remma.
Explore Yesaia 43:10
10
Yesaia 43:11
Me, mene AWURADE, na ɔgyefoɔ biara nni hɔ sɛ me!
Explore Yesaia 43:11
11
Yesaia 43:13
Mene Onyankopɔn, na ɛfiri nnɛ nso Mene No, na obiara nni hɔ a ɔyi firi me nsam; mɛyɛ adeɛ, na hwan na ɔbɛdane ani?
Explore Yesaia 43:13
12
Yesaia 43:20-21
Wiram mmoadoma bɛhyɛ me animuonyam, ɛserɛ so nkraman ne nsohori, sɛ mama nsuo aba ɛserɛ soɔ na nsubɔntene aba anwea pradada soɔ, na mede mama me man a mayi wɔn no anom, ɔman a manwono wɔn mafa no, na wɔaka m’ayeyie akyerɛ.
Explore Yesaia 43:20-21
13
Yesaia 43:6-7
mɛka makyerɛ atifi fam sɛ: Fa ma! Na maka makyerɛ anafoɔ fam sɛ: Mfa nkora! Fa me mmabanin firi akyirikyiri bra, ne me mmammaa firi asase ano, obiara a wɔbɔ me din frɛ no, na mebɔɔ no memaa m’animuonyam, menwonoo no na meyɛɛ no no.
Explore Yesaia 43:6-7
14
Yesaia 43:16-17
Saa na AWURADE seɛ, deɛ ɔma ɛpo mu da ɔkwan na ɛsa da asuo a ɛyɛ den mu no, deɛ ɔmaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ, ɛdɔm ne nnɔmmarima firii adie no; wɔn nyinaa dedae, na wɔansɔre bio, wɔsae, wɔdunnumii sɛ asaawa.
Explore Yesaia 43:16-17
15
Yesaia 43:15
Me, AWURADE, mene mo Kronkronni, Israel bɔfoɔ, mo hene no.
Explore Yesaia 43:15