1
Yesaia 41:10
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma w’akoma nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me tenenee nifa mekura wo mu.
Compare
Explore Yesaia 41:10
2
Yesaia 41:13
Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, mekura wo nifa mu; me na mese wo sɛ: Nsuro, me ara mɛboa wo!
Explore Yesaia 41:13
3
Yesaia 41:11
Hwɛ, wɔn a wɔn bo afu woɔ nyinaa ani bɛwu na wɔasopa, na nnipa a wɔne wo anya no bɛyɛ sɛdeɛ wɔnyɛ hwee, na wɔayera.
Explore Yesaia 41:11
4
Yesaia 41:9
Wo a masɔ wo mu afiri asase ano na mafrɛ wo afiri n’ahyeɛ so aba, na maka makyerɛ wo sɛ: M’akoa ne wo, mayi wo, na merento wo mentwene!
Explore Yesaia 41:9
5
Yesaia 41:12
Wɔn a wɔne wo ham no, wobɛhwehwɛ wɔn, nanso worenhu wɔn; na wɔn a wɔne wo di ako no bɛyɛ sɛdeɛ wɔnyɛ hwee, na wɔasa.
Explore Yesaia 41:12
6
Yesaia 41:14
Nsuro, aboawa Yakob, ne mo Israel mma! Me ara mɛboa wo, AWURADE na ɔkaeɛ, na wo Gyefoɔ ne Israel Kronkronni no.
Explore Yesaia 41:14
7
Yesaia 41:8
Na wo, m’akoa Israel, Yakob a mayi no, me dɔfo Abraham asefoɔ!
Explore Yesaia 41:8
8
Yesaia 41:18
Mɛtue mpampa pradaa so nsuwansuwa ne mmonhwa mu nsuo aniwa; mede serɛ so mɛyɛ tadeɛ, na mede asase pɛsɛɛ mayɛ asutire
Explore Yesaia 41:18
9
Yesaia 41:17
Mmɔborɔfoɔ ne ahiafoɔ a wɔhwehwɛ nsuo a ebi nni hɔ na sukɔm nti wɔn tɛkyerɛma so awoɔ no, me, AWURADE mɛgye wɔn so, me, Israel Nyankopɔn, merennya wɔn.
Explore Yesaia 41:17
10
Yesaia 41:4
Hwan na ɔyɛeɛ, na ɔmaa no baeɛ, na ɔfrɛ awoɔ ntoatoasoɔ firi mfitiaseɛ? Ɛyɛ me AWURADE a meyɛ kannifoɔ, na awieeɛ nso, mene ɔno ara.
Explore Yesaia 41:4
11
Yesaia 41:19-20
mɛma ntweneduro, okuo, ohwamma ne ngo nnua aba ɛserɛ so; mɛma pepeaa, asɛsɛ ne kwabɔhorɔ abom asisi anwea pradada so, na nnipa ahunu, ate aseɛ, de asie akoma mu na wɔadwene ho prɛko sɛ: AWURADE nsa na ɛyɛɛ yei, na Israel Kronkronni no na ɔbɔeɛ.
Explore Yesaia 41:19-20