1
Ɔsɛnkafoɔ 7:9
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Mma wo honhom mmpere abohuro ho, na nkwaseafoɔ kokom na abufuo teɛ.
Compare
Explore Ɔsɛnkafoɔ 7:9
2
Ɔsɛnkafoɔ 7:14
Da pa mu, ma w’ani nnye, na da bɔne mu, dwene ho; Onyankopɔn ayɛ yei nso aka ɛno ho, deɛ ɛbɛyɛ na onipa anhunu n’akyiri biribiara.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 7:14
3
Ɔsɛnkafoɔ 7:8
Asɛm awieeɛ yɛ sene ne mfitiaseɛ, ntoboaseɛ honhom yɛ sene ahomasoɔ honhom.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 7:8
4
Ɔsɛnkafoɔ 7:20
Ampa ara, onipa tenenee biara nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 7:20
5
Ɔsɛnkafoɔ 7:12
Na nyansa nwunu ase tena te sɛ sika nwunu ase tena, na nimdeɛ yɛ mfasoɔ, na nyansa gye ne wura nkwa.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 7:12
6
Ɔsɛnkafoɔ 7:1
Din pa yɛ sene ngo a ne boɔ yɛ den, na owuda yɛ sene awoda.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 7:1
7
Ɔsɛnkafoɔ 7:5
Onyansafoɔ animka tie yɛ sene sɛ obi tie nkwaseafoɔ dwontoɔ.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 7:5
8
Ɔsɛnkafoɔ 7:2
Efie a ayie wɔ mu korɔ yɛ sene efie a apontoɔ wɔ mu korɔ, ɛfiri sɛ ɛno yɛ nnipa nyinaa awieeɛ, na ɔteasefoɔ de hyɛ n’akomam.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 7:2
9
Ɔsɛnkafoɔ 7:4
Anyansafoɔ akoma wɔ abooboodie fie, na nkwaseafoɔ akoma wɔ ahuhu fie.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 7:4