1
Ɔsɛnkafoɔ 8:15
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Ɛnna mekamfoo anigyeɛ, sɛ papa nni hɔ mma onipa owia yi ase, gye sɛ ɔdidi na ɔnom na n’ani gye, na yei ara na ɛfam ne ho ne brɛ mu, ne nkwa nna a Onyankopɔn de ama no owia yi aseɛ no mu.
Compare
Explore Ɔsɛnkafoɔ 8:15
2
Ɔsɛnkafoɔ 8:12
Sɛ ɔdebɔneyɛni di asɛmmɔne mprɛha na ɔtena hɔ kyɛre a, ɛnyɛ dɛn ara a, menim sɛ ɛbɛsi wɔn a wɔsuro Onyankopɔn na wɔfɛre no no yie.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 8:12
3
Ɔsɛnkafoɔ 8:6
Na ɛberɛ ne atemmuo wɔ hɔ ma nneyɛɛ nyinaa, na onipa bɔne dɔɔso ne so ma no.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 8:6
4
Ɔsɛnkafoɔ 8:8
Onipa bi nni honhom so tumi, sɛ ɔde bɛsi honhom no kwan, na owuda so tumi nni hɔ, na ɛkwanma nni ɔsa mu, na bɔne mma ne yɛfoɔ mfiri mu mfi.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 8:8
5
Ɔsɛnkafoɔ 8:11
Sɛ nneyɛɛ bɔne ho afobusɛm mma mu ntɛmntɛm nti na nnipa mma bɔne ho atirimpɔ ayɛ wɔn akoma ma.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 8:11
6
Ɔsɛnkafoɔ 8:14
Ahuhudeɛ bi nso wɔ asase so; sɛ ateneneefoɔ bi wɔ hɔ a adeɛ a ɛfata abɔnefoɔ nneyɛɛ bɛto wɔn, na abɔnefoɔ bi nso wɔ hɔ a adeɛ a ɛfata ateneneefoɔ nneyɛɛ bɛto wɔn. Mekaa sɛ yei nso yɛ ahuhudeɛ.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 8:14
7
Ɔsɛnkafoɔ 8:7
Na obi nni hɔ a ɔnim deɛ ɛbɛba, na sɛdeɛ ɛbɛba no, hwan na ɔbɛtumi akyerɛ no?
Explore Ɔsɛnkafoɔ 8:7