1
Ɔsɛnkafoɔ 6:9
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Deɛ ɛwɔ hɔ a aniwa hu no yɛ sene deɛ akɔnnɔ kyini hwehwɛ. Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.
Compare
Explore Ɔsɛnkafoɔ 6:9
2
Ɔsɛnkafoɔ 6:10
Deɛ ɛwɔ hɔ biara no, na wɔabɔ ne din dada, na wɔnim sɛdeɛ onipa si teɛ, na wɔnim nso sɛ ɔntumi ne deɛ ɔyɛ den sene no no nham.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 6:10
3
Ɔsɛnkafoɔ 6:2
Obi a Onyankopɔn ama no ahonyadeɛ ne adedodoɔ ne animuonyam, na deɛ ɛyɛ no akɔnnɔ mu biara mmɔ ne kra, nanso Onyankopɔn mma no ho kwan sɛ ɔnni bie, na ɔnanani bi na ɔdie, yei deɛ, ahuhudeɛ ne ayayadeɛ ne no.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 6:2
4
Ɔsɛnkafoɔ 6:7
Onipa brɛ nyinaa, ɔbrɛ ma n’ano, nanso n’akɔnnɔ mmee no da.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 6:7