1
2 Ahemfo 5:1
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Na Siriahene sahene Naaman yɛ onipa titire wɔ ne wura anim, na ɔwɔ animuonyam, ɛfiri sɛ ɔno so na AWURADE nam gyee Siria; na onipa no yɛ dɔmmarima a ɔtumi ne ho, nso na ɔyare kwata.
Compare
Explore 2 Ahemfo 5:1
2
2 Ahemfo 5:10
Na Elisa somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ ne nkyɛn sɛ: Kɔ na kɔdware mprɛnson Yordan mu, na wo honam bɛsane aba wo ho, na wo ho afi.
Explore 2 Ahemfo 5:10
3
2 Ahemfo 5:14
Ɛnna ɔsiane de ne ho kɔbɔɔ Yordan mu mprɛnson, sɛdeɛ Nyankopɔn nipa asɛm no teɛ no; na ne honam sane baa mu sɛ abɔfra ketewa honam, na ne ho firiiɛ.
Explore 2 Ahemfo 5:14
4
2 Ahemfo 5:11
Ɛnna Naaman bo fuiɛ, na ɔsii mu kɔe, kaa sɛ: Hwɛ, mesusuu sɛ: Fire na ɔbɛfiri aba abɛgyina hɔ abɔ AWURADE ne Nyankopɔn din, na ɔde ne nsa asra hɔ, na wasa kwata no.
Explore 2 Ahemfo 5:11
5
2 Ahemfo 5:13
Na ne nkoa twe pinii bɛka kyerɛɛ no sɛ: M’agya, sɛ ade kɛseɛ bi na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ wo a, anka worenyɛ anaa? Na nkantom sɛ waka akyerɛ wo sɛ: Kɔdware na wo ho mfi!
Explore 2 Ahemfo 5:13
6
2 Ahemfo 5:3
Na ɔka kyerɛɛ n’awuraa sɛ: Aa, sɛ anka me wura wɔ odiyifoɔ a ɔwɔ Samaria no anim a, ɛnneɛ anka ɔbɛsa ne kwata yi ama no.
Explore 2 Ahemfo 5:3