1
2 Ahemfo 4:2
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Na Elisa bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na menyɛ memma woɔ? Kyerɛ me ɛ, ɛdeɛn na wowɔ wɔ efie? Na ɔbuaa sɛ: W’afenaa nni hwee fie, gye ngo ahina baako pɛ.
Compare
Explore 2 Ahemfo 4:2
2
2 Ahemfo 4:1
Na adiyifoɔ mma no mu baako yere teaa mu ka kyerɛɛ Elisa sɛ: W’akoa, me kunu, awu, na wo ara wonim sɛ na w’akoa suro AWURADE; na ɔkafoɔ aba rebɛfa me mma baanu akɔyɛ ne nkoa.
Explore 2 Ahemfo 4:1
3
2 Ahemfo 4:3
Na Elisa kaa sɛ: Firi adi kɔfemfɛm nhina wɔ wɔn a wɔtete bɛn woɔ nyinaa nkyɛn, nhina hunu, ma no nnɔɔso.
Explore 2 Ahemfo 4:3
4
2 Ahemfo 4:4
Na sɛ woba mu a, to wo ne wo mma no pono mu, na hwiehwie gu nhina no nyinaa mu, na fa deɛ ayɛ ma no sisi nkyɛn.
Explore 2 Ahemfo 4:4
5
2 Ahemfo 4:6
Na ɛbaa sɛ nhina no yeyɛɛ amaama no, ɔka kyerɛɛ ne ba sɛ: Fa ahina bi brɛ me bio! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ahina biara nni hɔ bio; na ngo no twae.
Explore 2 Ahemfo 4:6
6
2 Ahemfo 4:7
Ɛnna ɔba bɛka kyerɛɛ Nyankopɔn nipa no. Na ɔkaa sɛ: Kɔ na kɔtɔn ngo no, na fa tua wo ka, na wo ne wo mma nni deɛ aka no ntena ase.
Explore 2 Ahemfo 4:7
7
2 Ahemfo 4:5
Na ɔfirii ne nkyɛn kɔe, na ɔkɔtoo ne ho ne ne mma pono mu. Wɔn deɛ, wɔde nhina no brɛɛ no, na ɔno nso hwiehwie guguu mu.
Explore 2 Ahemfo 4:5
8
2 Ahemfo 4:34
Na ɔforo kɔbutuu abɔfra no so, na ɔde n’ano butuu n’ano, na ɔde n’ani butuu n’ani so, na ɔde ne nsam totoo ne nsam, na ɔponoo ne mu, abɔfra no so, na abɔfra no honam yɛɛ hye.
Explore 2 Ahemfo 4:34