1
2 Ahemfo 6:17
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Na Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, bue n’ani na ɔnhunu! Na AWURADE buee aberanteɛ no ani, no ɔhunui, na hwɛ, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam ayɛ bepɔ no so ma atwa Elisa ho ahyia.
Compare
Explore 2 Ahemfo 6:17
2
2 Ahemfo 6:16
Na ɔse: Nsuro, na wɔn a wɔka yɛn ho dɔɔso sene wɔn a wɔka wɔn ho no.
Explore 2 Ahemfo 6:16
3
2 Ahemfo 6:15
Na Nyankopɔn nipa no somfoɔ tuaa nhema sɛ ɔresɔre afiri adie no, na hwɛ, ɛdɔm ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa kuro no ho ahyia. Na n’abɔfra no ka kyerɛɛ no sɛ: Ao, me wura, yɛbɛyɛ dɛn?
Explore 2 Ahemfo 6:15
4
2 Ahemfo 6:18
Ɛnna Siriafoɔ siane baa ne so, na Elisa bɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ: Mesrɛ wo, fa anifira bɔ dɔm yi; na ɔde anifira bɔɔ wɔn, sɛdeɛ Elisa asɛm no teɛ no.
Explore 2 Ahemfo 6:18
5
2 Ahemfo 6:6
Na Nyankopɔn nipa no bisaa sɛ: Ɛhe na ɛtɔeɛ? Na ɔkyerɛɛ no hɔ. Na ɔtwaa dua bi too hɔ, na dadeɛ no bɛtɛɛ ani.
Explore 2 Ahemfo 6:6
6
2 Ahemfo 6:5
Na ɔbaako rebu dua no, n’akuma no ti firi tɔɔ nsuo mu. Na ɔteaa mu sɛ: Ao, me wura! Wɔkɔfɛmee oo.
Explore 2 Ahemfo 6:5
7
2 Ahemfo 6:7
Na ɔkaa sɛ: Ma so fa! Na ɔtenee ne nsa fae.
Explore 2 Ahemfo 6:7