Skip to content

Tito 2

2
1 # 1 Ti 6:3; 2 Ti 1:13 Nso wo Tito deɛ, ɔsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ a odi mu. 2#1 Ti 5:1 Kasa kyerɛ nkokora sɛ bɛnnyɔ bibi mma ɔntraso, bɛma bɛ anim nyɛ duru, na bɛmfa nyansa, dɔ ne boasetɔ nyɛ dene gyidie he mu.
3 # 1 Ti 3:11 Saa ara nso ne mmerewafoɔ he nso, kasa kyerɛ bɛ sɛ bɛma buo nna adi bɛ abrabɔ mu, bennni nsekuro na bɛmma nsa nso mfa bɛ nommum; ɔsɛ sɛ bɛkyerɛkyerɛ nea ɔyɛ, 4na bɛatete mmabaa ama bɛadɔ bɛ kununom ne bɛ mma, 5#Efe 5:22 na bɛadwene adwene pa, ahyɛ bɛ ho so, ayɔ bɛ fie nnwuma yie; benya ayamyɛ, ahoteɛ mu, na bɛmmrɛbrɛ bɛ ho ase mma bɛ kununom, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a nnipa onya asɛmmɔne bi nka mfa Nyankopɔn asɛm he ho.
6Saa ara ne tu mmeranteɛ nso fo sɛ, bɛnhyɛ bɛ ho so. 7#1 Ti 4:12; 1 Pe 5:3 Na bibiaa mu he, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛsoɔ, nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animuduro, 8#1 Pe 2:15 asɛmpa a ɔyɛ a bennya ho asɛm bi nka adi, na deɛ ɔne yɛ anya he afɛre, efiri sɛ onni yɛ ho bɔne biaa ka.
9 # Efe 6:5; 1 Ti 6:1; 1 Pe 2:18 Kasakyerɛ nkoa sɛ bɛmmrɛbrɛ bɛ ho ase ma bɛ wuranom na bɛasɔ bɛ wuranom ani adeɛ nyinaa mu; bennyiyi bɛ wuranom nsɛm ano, 10#Tit 1:3 bennwia adeɛ mfiri bɛ wuranom fotoɔ mu, na mmom benni nɔkorɛ turodoo ade nyinaa mu, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bebeyi Nyankopɔn a ɔyɛ yɛ Agyenkwa he nkyerɛkyerɛ ayɛ.
11Na Nyankopɔn adom a ɔde nkwagyeɛ ma nnipa nyinaa he ada adi, 12#Efe 1:4 na ɔkyerɛkyerɛ yɛ sɛ yɛmpo fi nnoɔma nyinaa ne wiase akɔnnɔ, na yɛmfa adwenemteɛ, ahoteɛ ne nyamesom pa mmɔ yɛ bra saa mmerɛ yi mu, 13#1 Ko 1:7; Flp 3:20 mmerɛ a yɛɛtwɛne yɛ Nyankopɔn kɛseɛ ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo ahotɔ anidasoɔ ne n’animuonyam ahoyie. 14#Gal 1:4; 1 Ti 2:6; Efe 2:10 Ɔno ne de ne ho maeɛ ɔnam yɛ nti sɛ ɔbɛgye yɛ afiri amumuyɔ nyinaa mu na wate yɛ ho afa yɛ ayɛ ɔno ankasa ne nkurofoɔ a bɛbɔ mmɔdene nwuma pa mu.
15 # 1 Ti 4:12 Pae mu ka saa nsɛm yi; kɔ so tu fo na ka anim sɛdeɛ bɛama wo tumi sɛ yɔ he. Mma biaa mmmu wo animtia.