Romafoɔ 1
1
Nkyea
1 #
Aso 9:15; 13:2; Gal 1:15 Paulo, Yesu Kristo akoa a bɛafrɛ no sɛ ɔmmɛyɛ somafoɔ na bɛayi no asi hɔ ama Nyankopɔn asɛmpa he 2#Tit 1:2; Rom 16:25-26 a ɔnam n’adiyifoɔ so hyɛɛ ho bɔ siee twerɛnsɛm kronkron he mu he, 3#2 Sa 7:12; Mat 22:42; Rom 9:5 asɛmpa a ɔfa Nyankopɔn Ba he ho, nea honam fam ɔyɛ Dawid aseni 4#Aso 13:33 na bɛde tumi ayi no adi akyerɛ sɛ ɔyɛ Nyankopɔn Ba a ɔnam honhom ahoteɛ kronkron so awufoɔ sɔreeɛ mu; ɔno ne Yesu Kristo, yɛ Awurade. 5#Aso 26:16-18; Rom 15:18; Gal 2:7; 2:9 Ɔno so ne yɛnam anya adom ne somafodwuma sɛ yɛde setie mu gyidie ɔɔbra Amanamane mufoɔ nyinaa ne dini nti, 6ho a bɛabɔ ho dini afrɛ ho ama Yesu Kristo he, ho nso hoka ho bi.
7 #
1 Ko 1:2; 2 Ko 1:1; Efe 1:1; Num 6:25-26 Me Paulo ne meetwerɛ krataa yi de abra ho, Nyankopɔn adɔfoɔ, a hoya Roma nyinaa, ho a bɛafrɛ ho sɛ hommɛyɛ ahoteefoɔ he: Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka ho.
Aseda mpaebɔ
8 #
Rom 16:19; 1 Te 1:8 Nea odi kane paa ne sɛ, menam Yesu Kristo so da me Nyankopɔn ase ma ho nyinaa, efiri sɛ bɛka ho gyidie ho asɛm wiase baabiaa. 9#Flp 1:8; Efe 1:16 Na Nyankopɔn a mede me honhom som no a mepae mu ka ne Ba he ho asɛmpa he, ɔno ne me danseni sɛ mennyae ho nkaeɛ wɔ me mpaebɔ mu, 10#Aso 19:21; Rom 15:23; 15:31 na mesrɛ sɛ Nyankopɔn pɛ a menya kwane aba ho nkyɛne. 11#Aso 28:31 Na m’ani agyina sɛ mehu ho sɛnea ɔbɛyɛ a metumi ne ho akyɛ honhom adom akyɛdeɛ bi ama ahyɛ ho dene, 12#2 Pe 1:1 ɔne sɛ yɛ nyinaa gyidie bɛhyehyɛ yɛ ho yɛ ho dene. 13Anuanom agyidifoɔ, mepɛ sɛ hohu sɛ mpɛn pii ne maabɔ me tim pɔ sɛ mɛba ho nkyɛne (nso bibi asi me kwane), na ama matwa aba bi afiri ho hɔ sɛnea mayɔ no Amanamane a aka he hɔ. 14Mede Helafoɔ ne Pɔtɔfoɔ nyinaa, anyansafoɔ ne adwenem harefoɔ nyinaa ka; 15saa nti ne me ho pere me sɛ mɛpaem aka asɛmpa he akyerɛ ho nso a hoya Roma.
Asɛmpa he mu tumi
16 #
Dwom 119:46; 1 Ko 1:18; 1:24; Aso 13:46 Na m’ani nwu asɛmpa he ho; efiri sɛ ɔyɛ Nyankopɔn tumi a ɔnam so gye biaa a ɔwɔ gyidie nkwa, Yudafoɔ ne bedi kane, na afei Helafoɔ nso. 17#Rom 3:21-22; Hab 2:4 Na asɛmpa he mu ne Nyankopɔn tenenee da adi firi gyidie mu kɔ gyidie mu; sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Nea ɔtene he nam gyidie so ne benya nkwa.”
Nnipa nyinaa fobuo
18Na Nyankopɔn abufuo ayi adi atia bɛ a bɛde nnoɔma a ɔntene ne amumuyɔ berɛ nɔkorɛ he ase nyinaa. 19#Aso 14:15-17; 17:24-28 Na nea bebetumi ahu afa Nyankopɔn ho he da adi pefee, efiri sɛ Nyankopɔn ayi no adi akyerɛ bɛ. 20#Dwom 19:1; Heb 11:3 Ewom sɛ Nyankopɔn daa tumi ne ne nyamesu yɛ adeɛ a ani nhu deɛ, nso ofiri adebɔ mfitiaseɛ he, ne nnoɔma a wayɔ he ada no adi pefee, ama bɛde adwene ahu mu. Nti benni anoyie biaa; 21#Efe 4:18 efiri sɛ benim Nyankopɔn deɛ, nso bɛamfa anidie amma no sɛ Nyankopɔn na bɛanna no ase, nso nea bɛdwene he yɛ nsemhunu, na bɛ adwene hunu he yɛɛ sum. 22#Yer 10:14; 1 Ko 1:20 Besusuu sɛ bɛwɔ nyansa, nso bɛdanee nkwaseafoɔ; 23#Deut 4:15-19 na bɛsesaa Nyankopɔn a onwu da he animuonyam maa nipa a owu anaa nnomaa, ntɔteboa ne mmoa a bɛwea fam nsɛso.
24 #
Aso 14:16
Ne saa nti Nyankopɔn gyae bɛ maa bɛ akoma akɔnnɔ, na akɔnnɔ he de bɛ kɔɔ nnoɔma a ho nte ho, na nnoɔma a ho nte he maa bɛsɛe bɛ nipadua, 25efiri sɛ bɛde Nyankopɔn ho nɔkorɛ sesaa torɔ na bɛsomm abɔdeɛ sene sɛ bɛbɛsom Bɔadeɛ, ɔno ne nhyira nka no daa! Amen.
26Yei nti Nyankopɔn gyaa bɛ maa akɔnnɔ porɔeɛ. Bɛ mmaa de bɛ honam fam nhyiamudie a ɔnam ne kwane so he sesaa nea ɔnnam ne kwane so, 27saa ara nso ne bɛ mmeema nso, gyaa nhyiamudie a ɔsɛ sɛ bɛ ne mmaa hyiam, maa benyaa akɔnnɔ maa bɛ yɔnko mmeema. Mmeema ne mmeema bɔɔ aniwuo bra na benyaa bɛ bɔne he so akatua.
28Na esiane sɛ bɛammu Nyankopɔn nti, Nyankopɔn gyae bɛ maa adwene a ɔmfata na bɛyɔɔ nnoɔma hunu a ɔnsɛ sɛ bɛyɔ koraa. 29Na amumuyɔ: bɔne, anibereɛ ne nitane nyinaa bi hyɛɛ bɛ ma. Bɔne bi te sɛ: ahoɔyeyaa, awudie, apereapereɛ, ntɔkwa, torɔ, nnaadaa ne nkontompo hyɛɛ bɛ ma, bɛyɛɛ nsekurofoɔ, 30nantitwitwafoɔ, Nyankopɔn atamfoɔ, akwadwofoɔ, basabasayɔfoɔ, ahohoahoafoɔ, bɔnepɛfoɔ, awofoɔ so atuatefoɔ, 31nkwaseafoɔ, nnipa a benni gyidie, akomadenfoɔ, atimuɔdenfoɔ. 32Benim Nyankopɔn ahyɛdeɛ, sɛ bɛ a bɛyɔ saa bɔne yi nyinaa fata wuo, nso nyɛ ne yɔ nkoaa ne bɛyɔeɛ na mmom bɛfoaa bɛ a bɛyɔ saa nso so.
Currently Selected:
Romafoɔ 1: BBTP
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021