YouVersion Logo
Search Icon

Luka 12

12
Nyaatwom ho kɔkɔbɔ
(Mateo 10:26-33)
1 # Mat 16:6; Mar 8:15 Afei, berɛ a nnipakuo mpempem pii he dɔɔso ama bɛakyere so ama beetiatia bɛ ho bɛ ho he, Yesu dii kane ka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ. “Honhwɛ yei Farisifoɔ mmɔreka a ɔyɛ nyaatwom he ho. 2#Luk 8:17 Na bibiaa nni hɔ a bɛakata so a ɔnna adi, anaa ahinta a benhu. 3Nti bibiaa a hoaka no sum mu he bɛbɛte no hann mu, na nea hoaka agu aso mu kokoam he, bɛbɛpae mu aka no badwam.
Nnipa suro ho kɔkɔbɔ
4Bio nso, me nnamfonom, meeka akyerɛ ho sɛ, honnsuro bɛ a beku nipadua na ɔno akyi he bentumi nyɛ no hwee bio. 5Na mmom mɛkyerɛ ho nea honsuro no. Honsuro nea oku wie a ɔwɔ tumi sɛ ɔbɛto agu Gehenna (amanehunu kurom). Ampa! Meeka akyerɛ ho sɛ: Ɔno ne honsuro no. 6Bɛtɔno akasanoma nnum gye nkaprɛ mma mmienu, ɔnyɛ saa? Nso bɛ mu baako mpo nni hɔ a Nyankopɔn werɛ firi no. 7#Luk 21:18 Na ho ti nwii mpo bɛakane ne nyinaa. Nti honnsuro; hosom bo paa kyɛne nkasanoma bebree.
Ɔnsɛ sɛ yɛpa Kristo
8“Nti, meeka akyerɛ ho sɛ, biaa a ɔgye me tom nnipa anim he, Nipa Ba he nso bɛgye no atom Nyankopɔn abɔfoɔ anim. 9Na nea ɔpa me nnipa anim he, Nipa Ba he nso bɛpa no Nyankopɔn abɔfoɔ anim.
Honhom Kronkron ne n’akwankyerɛ
10 # Mat 12:32; Mar 3:28-29 Na biaa a ɔbɛka asɛm bi atia Nipa Ba he, bɛde bɛkyɛ no; na nea ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron he deɛ, bɛmfa nkyɛ no. 11Na sɛ bɛde ho kɔ hyia adane mu, mpanyimfoɔ ne atumfoɔ anim a, honnwennwene nea hode beyi ho ho ano anaa nea hobɛka ho; 12na dɔno heaa mu Honhom Kronkron bɛkyerɛ ho nnoɔma a ɔsɛ sɛ hoka.”
Yesu mpɛ sɛ oyi atɛne
13Afei bi firi nnipakuo he mu ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ awunnyadeɛ he.” 14Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Beema! Hwane ne de me sii ho so temmufoɔ anaa dekyɛfoɔ?” 15#1 Ti 6:9-10 Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homma ho ani nna hɔ na honhwɛ yie anibereɛ nyinaa ho, efiri sɛ, sɛ nipa nya ne ho ma obu so mpo a, ɔnyɛ nnoɔma a ɔwɔ he mu ne ne obenya ne nkwa.”
Adufudepɛ
16Yei nti, ɔmaa bɛ mfantoho bi sɛ, “Defoɔ bi asaase soo aba pii. 17Nti osusuu ne mu sɛ, ‘Ɛɛne ne menyɔ? Efiri sɛ, menni baabi a mede me nnɔbae besie.’ 18Nti ɔkaa sɛ, ‘Nea meyɔ di. Medwiri m’apata agu na masisi akɛseɛ, na hɔ ne mɛboaboa m’ayuo ne me nnoɔma pa nyinaa ano agu; 19na mɛka akyerɛ me kra sɛ, “ ‘Me kra, wowɔ nnoɔma pa pii a bɛaboa ano ama mfie pii, dwodwo wo ho, didi, nom, na gye w’ani.” ’ 20#Heb 9:27 Nso Nyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Kwasea, anadwo yiaa bɛbɛgye wo kra afiri wo nsam. Na ɔba saa a, hwane ne nnoɔma a wode asie he bɛyɛ ne dea?’ 21#Mat 6:20 Saa ne nipa a ɔhyehyɛ agyapadeɛ fa nso ɔnyɛ defoɔ Nyankopɔn fam he teɛ.”
Suro ne akyinnyegyeɛ
(Mateo 6:25-33)
22Afei Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Yei nti, meeka akyerɛ ho sɛ, honnwennwene ho kra ho, nea hobedi anaa ho nipadua anaa nea hobɛhyɛ ho, 23efiri sɛ kra he som bo pii sene aduane, na nipadua he nso sombo sene ataadeɛ. 24#Dwom 147:9Honhwɛ sɛ nkwããkwããdabi a bennua aba biaa na bentwa, na benni adekoradane anaa pata, nso Nyankopɔn ma bɛ aduane. Honnsom bo beberee nsene nnomaa anaa? 25Ho mu hwane ne betumi adwendwene de dɔnhwere baako ato ne nkwa so? 26Nti sɛ hontumi nyɔ nnoɔma nketewa a ɔte sei a, mmɛ nti ne hodwendwene nnoɔma a aka he ho? 27Honhwɛ sɛnea asukooko nyini; ɔnyɛ adwuma na ɔnto asaawa; nso meeka akyerɛ ho sɛ, Salomo animuonyam nyinaa mu mpo he, wanhyehyɛ ne ho kamakama sɛ yeinom mu baako mpo. 28Nti sɛ Nyankopɔn fira wuram nhahane a ɔya hɔ nnɛ na kyena bɛtwa de agu fononoo mu ahye no he ntoma saa a, mmɛ nti ne ommfira ho mmom a ho ho hia he ntoma? Oo! ho a ho gyidie sua! 29Nti, honnhwehwɛ nea hobedi ne nea hobɛnom, na honnwennwene nnha ho ho; 30efiri sɛ yeinom nyinaa ne nnoɔma a amane a ɔya wiase he di akyi dendenndene, na ho Agya nim sɛ hohia saa nnoɔma yi. 31Na mmom honhwehwɛ Nyankopɔn ahennie, na bɛde yeinom nyinaa bɛka ho ho.
Soro ahonyadeɛ
(Mateo 6:20-21)
32 # Luk 22:29; Yes 41:14 “Honnsuro! Nwankuo ketewa, efiri sɛ ɔsɔ ho Agya ani sɛ ɔde ahennie he bɛma ho.
33 # Luk 18:22 Hontɔno nnoɔma a howɔ na homfa nyɔ adɔeɛ. Honyɔ sika nkotokuo a ɔnsɛe mfa, na hompɛ agyapadeɛ a ɔya soro, baabi a akorɔmfoɔ ntumi nkowia na nwewemmoa nsɛe no, 34na baabi a ho agyapadeɛ ya he, hɔ ne ho akoma nso ya.
Honwɛne ntwɛne ho wura sanba
(Mateo 24:42-51)
35 # Eks 12:11; 1 Pe 1:13; Mat 25:1-13 “Hommɔ abɔsoɔ, na homma ho nkanea nnɛre, 36na honyɛ ho ho sɛ nnipa a bɛɛtwɛne bɛ wura a ofiri awaregyeɛ ase ɔɔba, na sɛ obeduru na ɔbɔ mu a, bɛabie no ntɛmntɛm. 37Nhyira ne nkoa a bɛ wura he bɛba abehu bɛ sɛ begu so ɔɔwɛne! Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, ɔbɛbɔ n’abɔsoɔ, na wama bɛatenatena didipono ho na waba abɛsom bɛ. 38Na sɛ ɔba anadwo dasuom anaa nhemadeakyeɛ na ɔbɛto bɛ saa a, nhyira ne bɛ! 39#1 Te 5:2Nso honhu yei sɛ, sɛ fiewura nim dɔno korɔ a korɔmfoɔ bɛba a, nka wamma no ammetu ne dane ase ammewura mu. 40Ho nso honsiesie ho ho, efiri sɛ dɔno a honsusu koraa mu ne Nipa Ba he bɛba.”
41Afei Petro bisaa sɛ, “Awurade, wode mfantoho yi ɔɔma yɛ anaa wode ɔɔma bɛ nyinaa nso?” 42Na Awurade buaa sɛ, Hwane koraa ne fiepanyini nɔkwafoɔ ne badwemma a ne wura de no bedi ne fiefoɔ so, sɛ ɔmma bɛ bɛ aduane berɛ a ɔsɛ mu? 43Nhyira ne saa akoa he a ne wura bɛba abehu no sɛ ɔɔyɔ saa! 44#Mat 25:21 Nɔkorem, meeka akyerɛ ho sɛ, ɔde saa akoa he besi nea ɔwɔ nyinaa so. 45Nso sɛ ɔkɔba sɛ akoa he ka no n’akoma mu sɛ, ‘Me wura akyɛre ba, na ofiri aseɛ boro nkoa ne mmaawa he, na odidi nom, na ɔboro a, 46saa akoa he wura bɛba da a ɔnhwɛ no kwane ne dɔno a onnim sɛ ɔbɛba mu, na ɔbɛtwe n’aso dendenndene na ɔde no afra bɛ a bɛnnye nni mu. 47#Yak 4:17 Nti akoa he a onim nea ne wura pɛ nso wansiesie ne ho anaa wanyɔ nea ɔpɛ he, bɛbɛbɔ no mmaa pii. 48Nso nea onnim a ɔyɔɔ nnoɔma a ɔsɛ hweɛ he bɛbɛhwe no kakraa bi. Nɔkwasɛm ne sɛ, biaa a bɛma no pii he, bebebisa pii afiri ne hɔ, na nea bɛde pii hyɛ ne nsa he, ɔno ne bebebisa pii nso afiri ne hɔ.
Akodie ho nkɔmhyɛ
(Mateo 10:34-36)
49“Mebaa sɛ meebɛma gya asɔ asaase so, na sɛ asɔ dada a, mmɛ ne meehwehwɛ kyɛne yei? 50#Mat 20:22; 26:38; Yoh 12:27 Nɔkorɛ di, mewɔ asubɔ bi da m’anim, na hwɛ sɛnea me ho yera me kosi sɛ bebewie! 51Hosusu sɛ mede asomdwie ne aba asaase so anaa? Ɔnte saa, na mmom mpaepaemu ne mede aba. 52Na ofiri nnɛ, fie baako mu nnipa mmienu bedi mpaepaemu, na mmeɛnsa ne mmienu anya, na mmienu ne mmeɛnsa anya. 53Bebedi mpaepaemu,
agya bɛsɔre atia ne ba
na ba asɔre atia n’agya,
na na bɛsɔre atia
ne babaa na babaa asɔre atia ne na,
asebaa bɛsɔre atia n’ase, na ase nso asɔre atia n’asebaa.”
54 # Mat 16:2-3 Afei Yesu toaa so ka kyerɛɛ nnipakuo he nso sɛ, “Sɛ hohu sɛ nsuo amuna atɔeɛ fam a, hoka ntɛmaa sɛ, ‘Nsuo ɔɔbɛtɔ’; na ɔba saa. 55Na sɛ hohu sɛ anafoɔ fam mframa ɔɔbɔ a, hoka sɛ, ‘Ahuhuro ɔɔbɛba,’ na ɔbam. 56Nyaatwomfoɔ, honim sɛnea bɛkyerɛ asaase ne wiem nsɛnkyerɛnne ase, afei, mmɛ nti ne honnim sɛnea bɛkyerɛ saa mmerɛ yi mu?
57“Afei, ɛɛne nti ne ho ankasa honntumi nhu nea ɔfata sɛ hoyɔ?
58 # Mat 5:25-26 Sɛ wo ne wo nkurobɔfoɔ ookodi asɛm tumfoɔ bi hɔ a, honam kwane so ɔɔkɔ he, bɔ mmɔdene sɛ wobesiesie wo ne no ntam, na wantwe wo ankɔ temmufoɔ he anim, na temmufoɔ he amfa woanhyɛ asennibea sohwɛfoɔ nsa, na asennibea sohwɛfoɔ he amfa wo ankɔto afiase. 59Meeka akyerɛ wo sɛ, womfiri hɔ nkɔ gye sɛ woatua ka biaa a ɔsɛ sɛ wo tua ansa.”

Currently Selected:

Luka 12: BBTP

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in