Asomafoɔ 3
3
1Da koro bi, ɔɔkɔ bɔ awia nnɔn mmeɛnsa, mpaebɔ berɛ he, Petro ne Yohane siim sɛ bɛɛkɔ asɔrefie. 2#Aso 14:8 Na nkurofoɔ so beema bi a bɛwoo no he na ɔyɛ bubuani; na daa bɛde no ba asɔrefie pono a bɛfrɛ no Pono Fɛɛfɛ he ano ma no bɛsrɛ bɛ a bɛɛkɔ asɔrefie hɔ he hɔ sika. 3Berɛ a ohuu Petro ne Yohane sɛ bɛɛkɔ asɔrefie hɔ he, ɔsrɛɛ sɛ bɛnkyɛ no sika. 4Nso Petro ne Yohane hwɛɛ no gyee; na Petro kaa sɛ “Hwɛ yɛ.” 5Nti ɔhwɛɛ bɛ susuu sɛ obenya bibi afiri bɛnkyɛne. 6#Aso 3:16 Nso Petro kaa sɛ, “Sika anaa dwetɛ deɛ menni bi, na mmom nea mewɔ ne mede ma wo yi; sɔre nante Yesu Kristo, Nasareni he, dini mu.” 7Nti ɔsɔɔ ne nsa nifa maa no so. Na amonom hɔaa ne nane ne ne nanpɔ so yɛɛ dene. 8Ohuri gyinaeɛ, na ofirii aseɛ nanteeɛ, na ɔne bɛ kɔɔ asɔrefie hɔ a na oohurihuri na ooyi Nyankopɔn ayɛ. 9Nnipa he nyinaa huu no sɛ ɔɔnante na ooyi Nyankopɔn ayɛ, 10na behuu sɛ ɔyɛ ɔno ne na ɔtena Pono Fɛɛfɛ he ano srɛsrɛ sika he, na nea asi he yɛɛ bɛ nwanwa ne ahodwiri.
11 #
Aso 5:12
Berɛ a beema he kita Petro ne Yohane mu he, nnipa a bɛya hɔ he nyinaa de ahodwiri tuu mmirika kɔɔ bɛ nkyɛne bea bi a bɛfrɛ hɔ Salomo abranaa so. 12Na Petro huu yei he, ɔka kyerɛɛ nkurofokuo he sɛ, “Israel mmeema, ɛɛne nti ne yei yɛ ho nwanwa, mmɛ nti ne hoohwɛ yɛ haa te sɛ nea yɛnam yɛ ankasa yɛ tumi anaa yɛ tenenee so ne ama beema yi anante yi? 13#Aso 5:30; Yes 53:11; Aso 2:23 Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakobo Nyankopɔn, yɛ nananom Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Yesu animuonyam, nea ho deɛ, hoyii no maeɛ, na hopaa no Pilato anim, berɛ a Pilato sii gyinaeɛ sɛ obegyaa no he. 14#Mat 27:20-21 Na hopoo Kronkronni ne Hoteeni he, na hosrɛɛ sɛ bennyae wudini he ma ɔnkɔ. 15#Aso 4:10 Na hokuu nkwa Farebae he, nea Nyankopɔn nyanee no firii awufuom he. Yɛyɛ yei ho adansefoɔ. 16Nti gyidie a yɛwɔ ya ne dini mu ne ama beema a hohu no na honim no yi anya ahoɔdene, na Yesu mu gyidie ne ama beema yi ho atɔ no korakora ya ho nyinaa ho anim yi.
17 #
Luk 23:34
“Afei anuanom, menim sɛ nim a honnim nti ne hoyɔɔ sɛnea ho atumfoɔ yɔɔeɛ he. 18#Luk 24:27 Nso Nyankopɔn nam saa kwane yi so ama nnoɔma a ɔnam adiyifoɔ he so kaeɛ he aba mu sɛ, ne Kristo he behu amane. 19Nti ho nsakra ho adwene, na hommra Nyankopɔn nkyɛne na wapopa ho bɔne, 20na ayɛ ahotɔ nna afiri Awurade nkyɛne aba, na wasoma nea bɛayi no asi hɔ ama ho dada he, Yesu, Kristo he 21a ɔsɛ sɛ ɔtena soro kosi berɛ a bebesiesie nnoɔma nyinaa sɛnea Nyankopɔn nam n’adiyifoɔ kronkron he so firi teteete aka he. 22#Deut 18:15; 18:19 Mose kaa sɛ, ‘Awurade ho Nyankopɔn beyi diyifoɔ a ɔte sɛ me afiri ho nuanom mu ama ho. Ɔsɛ sɛ hotie nea ɔbɛka akyerɛ ho nyinaa. 23Na ɔbɛba sɛ, biaa a ontie saa diyifoɔ he, bɛbɛsɛe no koraa afiri mane he mu.’ 24Na adiyifoɔ a bɛakasa he, ofiri Samuel ne bɛ a bɛbaa n’akyi, nso hyɛɛ saa nna yi ho nkɔm. 25#Gye 22:18 Hoyɛ adiyifoɔ he ne apam a Nyankopɔn ne ho agyanom pameeɛ he mma, sɛnea ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘W’aseni so ne bɛbɛfa ahyira asaase so mmusua nyinaa he.’ 26#Aso 13:46 Berɛ a Nyankopɔn somaa n’Akoa he, ho nkyɛne ne ɔmaa no baa kane sɛ ɔmmɛdane ho nyinaa mfiri ho nneyɔeɛ bɔne ho na onhyira ho.”
Currently Selected:
Asomafoɔ 3: BBTP
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021